Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 24:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na bu asowuiɛ fie no bɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Fa ɛsɛn no si so, na hwie nsuo nso gu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na bu asowuiɛ fie no bɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Fa ɛsɛn no si so, na hwie nsuo nso gu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ka kyerɛ saa atuatewfo yi, ka no wɔ mmebu mu kyerɛ wɔn se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “ ‘Fa ɔsɛn no si gya so; fa si so na hwie nsu gu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi, ka no wɔ abɛbuo mu kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Fa ɛsɛn no si ogya so; fa si so na hwie nsuo gu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na bu asowui fi no bɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Fa ɔsɛn no si so, fa si so, na hwie nsu nso gu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 24:3
30 Iomraidhean Croise  

Na Elisa sane baa Gilgal. Na ɛkɔm aba asase no so, na adiyifoɔ mma no tete n’anim. Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra sɛ: Fa ɛsɛnkɛseɛ si so na noa aduane ma adiyifoɔ mma no.


Mɛbue m’ano mmebuo mu, mɛyi atetesɛm adi sɛ akasabebuo.


O ɔsoro, montie, O asase, yɛ aso, na AWURADE akasa: Mayɛne mma ama wɔanyini, na mama wɔn so, na wɔn deɛ, wɔabɔ me so ko.


Na mɛma Ariel ho akyere no, na abooboodie ne abubuo bɔ aba, na adane me sɛ Ariel


Wɔnnue, mma atuatefoɔ, AWURADE na ɔseɛ, wɔn a wɔdi agyinatusɛm soɔ, na ɛmfiri me, na wɔyɛ nkabom bi, na ɛnyɛ me honhom soɔ, sɛ wɔde bɔne bɛka bɔne ho no.


Na wɔyɛ atuateɛ man, mma atorofoɔ, mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie AWURADE mmara.


Na wɔn deɛ, wɔtee atua na wɔhyɛɛ ne Honhom kronkron no yea, enti ɔdanee wɔn ɔtamfoɔ, na ɔno ara ne wɔn dii ako.


Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn ne mprenu so sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Ɛsɛn a ɛrehuru na mehunu, na ɛpue atifi fam.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atifi fam nso na mmusuo bɛfiri aba asase no sofoɔ nyinaa soɔ.


Kuro no renyɛ mo ɛsɛn, na mo nso morenyɛ mu nam; Israel hyeɛ so na mɛbu mo atɛn,


Wɔse: Berɛ a wɔde sisi adan mpinkyɛnee. Kuro yi ne ɛsɛn no, na yɛne nam no.


Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mo atɔfoɔ a mode agugu mu no, wɔne nam no, na kuro no ne ɛsɛn no, na mo deɛ, wɔbɛyi mo afiri mu.


Onipa ba, wote atuatefoɔ fie, nnipa a wɔwɔ ani a wɔde hunu adeɛ nanso wɔnhunu, na wɔwɔ aso a wɔde teɛ nanso wɔnteɛ;


Na mene AWURADE, na mɛkasa; asɛm a meka no, na ɛbɛyɛ hɔ, wɔrentwe nkɔ akyiri bio: O atuatefoɔ fie, mo berɛ aso ara, na mɛka asɛm na mɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Ka kyerɛ asowuiɛ fie no sɛ: Monhunu adekodeɛ a yei yɛ? Ka sɛ: Hwɛ, Babel hene baa Yerusalem, na ɔbɛfaa emu hene ne emu asafohene, na ɔde wɔn kɔɔ ne nkyɛn Babel.


Onipa ba, to aborɔme no ka mfatohosɛm yi kyerɛ Israel fie,


Na ɔrekasa akyerɛ me no, honhom bi baa me mu, na ɛmaa me so gyinaa me nan so, na metiee deɛ ɔne me kaeɛ no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, meresoma wo Israel mma nkyɛn, ɔman atuatefoɔ a wɔate m’anim atua no nkyɛn; wɔne wɔn agyanom na afom me de bɛsi nnɛ da yi.


Na sɛ wɔtie oo, wɔantie oo, (ɛfiri sɛ abusua atuatefoɔ ne wɔn nti), ɛnyɛ dɛn ara a, wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi aba wɔn mu.


Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, na nsuro wɔn nsɛm nso, na nsansono ne nkasɛɛ ne wo na ɛwɔ hɔ, na anyanyankyerɛ ho na woteɛ, nanso nsuro wɔn nsɛm, na mma w’akoma nntu wɔ wɔn anim; na wɔyɛ abusua atuatefoɔ.


Na wo, onipa ba, tie deɛ mereka akyerɛ woɔ yi, nyɛ atuateni sɛ atuatefoɔ fie yi; bae w’anomu, na di deɛ mede merema woɔ yi.


Ɛnna mekaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, wɔn deɛ, wɔka no ne me ho sɛ: Ɛnyɛ mmɛ na ɔrebubuo yi?


Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Due, mogya kuro! Ɛsɛn a emu awe nnaakyen a ne nnaakyen mfiri ne mu. Yiyi mu adeɛ, nankum, nankum. Wɔnnyiyi mu.


Mayɛ wo moma so sɛ ahemmoɔ a ɛyɛ den sene twerɛboɔ; nsuro wɔn, na mma w’akoma nntu wɔ wɔn anim, na wɔyɛ atuatefoɔ.


Ɛda no wɔbɛbu mo ho bɛ na wɔabe kwadwom sɛ: Ade ayɛ yɛn! Me man kyɛfa no, wasakyera. Wagye afiri me nsam; Atuateni na ɔkyɛ yɛn mfuo mu ma no yi.


Na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso na wɔsuro nkurɔfokuo no; na wɔhunuu sɛ ɛbɛ a ɔbuiɛ no, ɔne wɔn. Na wɔgyaa no hɔ sii mu kɔe.


Na ɔse: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie mu ahuntasɛm no; na wɔn a aka deɛ, wɔde ama wɔn mmebuo mu, na wɔahunu, na wɔanhunu mu, na wɔate, nanso wɔante aseɛ.


Mo a mo kɔn asene na moyɛ akoma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asie; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan