Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 24:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so du no sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so du no sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afe a ɛto so akron no sram a ɛto so du no nnafua du so no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afe a ɛtɔ so nkron no bosome a ɛtɔ so edu no dadu so, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn afe a ɛto so akron, ɔsram a ɛto so du no, da a ɛto so du no sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 24:1
17 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Yudahene Yehoiakyin de ne ho kɔmaa Babel hene, ɔno ne ne na ne ne nkoa ne ne mmapɔmma, ne n’apiafoɔ. Na Babel hene faa no, n’ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe no mu.


Na wɔfaa Yerusalem, Yudahene Sedekia afe a ɛtɔ so nkron no bosome a ɛtɔ so du no so. Babelhene Nebukadnessar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem bɛkaa no hyɛɛ mu.


Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du, da a ɛtɔ so du no, Babelhene Nebukadnessar, ɔno ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛkyeree so nsraban, na wɔtotoo ho epie hyiae.


Bosome no da a ɛtɔ so nnum, (Ɔhene Yoiakin tukorɔ afe a ɛtɔ so nnum mu no),


Na afe a ɛtɔ so nson, bosome a ɛtɔ so nnum da a ɛtɔ so du no, Israel mpanimfoɔ no mu binom ba bɛbisaa AWURADE hɔ adeɛ, na wɔbɛtenaa m’anim.


Na wɔde mo ahohoradeɛ bɛgu mo so, na moasoa mo abosonhuhuo no ho bɔne, na moahunu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.


Onipa ba, twerɛ da yi din, da yi ara. Babel hene atua Yerusalem da yi ara.


Na afe a ɛtɔ so dubaako, bosome no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Afe a ɛtɔ so du no, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so dummienu no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Na afe a ɛtɔ so aduonu nson no, bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Na afe a ɛtɔ so dubaako no, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Na afe a ɛtɔ so dummienu no, bosome a ɛtɔ so dummienu no, da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Na afe a ɛtɔ so dummienu no, bosome a ɛdi kan no ara da a ɛtɔ so dunum no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Na yɛn tukorɔ afe a ɛtɔ so dummienu no, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so nnum no, odwanefoɔ bi firii Yerusalem baa me nkyɛn sɛ: Wɔabɔ kuro no.


Yɛn tukorɔ afe a ɛtɔ so aduonunum no afe no ahyɛaseɛ bosome no da a ɛtɔ so du no, kuro no bɔ akyiri afe a ɛtɔ so dunan mu no, ɛda no ara no AWURADE nsa baa me so, na ɔde me baa hɔ.


Na afe a ɛtɔ so nsia, bosome a ɛtɔ so nsia, da a ɛtɔ so nnum a mete me fie na Yuda mpanimfoɔ tete m’anim no, AWURADE Nyankopɔn nsa tɔɔ me so wɔ hɔ.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Bosome a ɛtɔ so nnan, nnum, nson ne du mu akɔnkyene bɛyɛ Yuda fie ahosɛpɛ, anigyeɛ ne afahyɛ pa; na nokorɛ ne asomdwoeɛ nko na mompɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan