Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 21:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛsiane sɛ mɛtwa wo mu ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ nti, me nkrantɛ bɛfiri ne bɔha mu atia honam nyinaa, afiri anafoɔ fam akɔsi atifi fam,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɛsiane sɛ mɛtwa wo mu ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ nti, me nkrantɛ bɛfiri ne bɔha mu atia honam nyinaa, afiri anafoɔ fam akɔsi atifi fam,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Esiane sɛ merebeyi atreneefo ne amumɔyɛfo afi mo mu nti, mʼafoa befi ne boha mu atia obiara, fi anafo fam kosi atifi fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Esiane sɛ merebɛyi ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ afiri mo mu enti, mʼakofena bɛfiri ne bɔha mu atia obiara, firi anafoɔ fam kɔsi atifi fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Esiane sɛ metwa wo so treneeni ne ɔbɔnefo nti, me nkrante befi ne boha mu ahyɛ honam nyinaa afi nifa fam akosi benkum fam,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 21:4
10 Iomraidhean Croise  

Asɛefoɔ aba anwea pradada so mpampa nyinaa so, na AWURADE afena retwitwa afiri asase ano akɔsi asase ano; asomdwoeɛ nni hɔ mma ɔhonam biara.


Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Monnom na mommobo, na momfefe, na monhwehwe ase, na monnnsɔre bio, ɛsiane afena a merema no aba mo mu no nti.


Anaasɛ mede nkrantɛ meba asase no so, na mese: Nkrantɛ, fa asase no so, na metwa nnipa ne mmoa firi so a,


Onipa ba, fa w’ani kyerɛ anafoɔ fam, ka asɛm kyerɛ anafoɔ fam, na ka adiyisɛm kyerɛ Negeb petee mu kwaeɛ,


na ka kyerɛ Negeb kwaeɛ no sɛ: Tie, AWURADE asɛm nie: Hwɛ, meresɔ wo mu gya, na ahye wo mu nnua mono nyinaa ne nnua wuiɛ nyinaa. Ogyaframa a ɛdɛre framframfram no rennum, na ahye asase ani nyinaa afiri anafoɔ fam akɔsi atifi fam.


wɔase ano sɛ ɛnkum, wɔapɔ ho sɛ ɛntwa nyinamnyinam. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛama yɛn ho asɛpɛ yɛn? Me ba woabu abaa, ne atenetene nyinaa animtia?


Onipa ba, hyɛ nkɔm, na ka sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ka sɛ: Nkrantɛ a wɔase ano na wɔapɔ ho nso,


Wo onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ Israel asase nie: Awieeɛ! awieeɛ na ɛreba asase no ntwea nnan soɔ.


Na mema me nsa so mekɔ soro, na mese: Sɛ mete ase daa yi!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan