Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 2:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na wo, onipa ba, tie deɛ mereka akyerɛ woɔ yi, nyɛ atuateni sɛ atuatefoɔ fie yi; bae w’anomu, na di deɛ mede merema woɔ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na wo, onipa ba, tie deɛ mereka akyerɛ woɔ yi, nyɛ atuateni sɛ atuatefoɔ fie yi; bae w’anomu, na di deɛ mede merema woɔ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Nanso wo onipa ba, tie asɛm a meka kyerɛ wo no. Ntew atua te sɛ saa atuatewfo no; bue wʼanom na di nea mede ma wo no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Nanso, wo onipa ba, tie asɛm a meka kyerɛ wo no. Ɛnte atua te sɛ saa atuatefoɔ no; bue wʼanomu na di deɛ mede ma wo no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na wo, onipa ba, tie nea mereka makyerɛ wo yi, nyɛ ɔsowuifo sɛ asowuifo fi yi; han w’anom, na di nea mede merema wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 2:8
19 Iomraidhean Croise  

Ɔsomaa esum maa no duruu sum, nanso wɔannwene ne nsɛm ho.


AWURADE Nyankopɔn abue m’aso, na me nso mante atua mansane m’akyi.


Na sɛɛ na AWURADE de nsa denden ka kyerɛɛ me, na ɔde teaa me sɛ mennante ɔman yi kwan so sɛ:


Ɛnna medii AWURADE asɛm no soɔ, kɔtɔɔ abɔsoɔ no, na mede mebɔɔ m’asene.


Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ me aduane, na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛ ne akomatɔyam, na wɔde wo din ato me, O AWURADE, asafo Nyankopɔn.


Onipa ba, wote atuatefoɔ fie, nnipa a wɔwɔ ani a wɔde hunu adeɛ nanso wɔnhunu, na wɔwɔ aso a wɔde teɛ nanso wɔnteɛ;


Ɛnna meyɛɛ saa, sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no, meyii me nnoɔma firii adi sɛ otukorɔ adeɛ awia, na anwummerɛ no, mede me nsa tuu ɔfasuo no mu tokuro, na anim rebiribiri no, mede firii adi bɔɔ akɔnkɔn wɔ wɔn anim.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, me nsɛm a mɛka kyerɛ woɔ nyinaa, fa w’akoma gye na fa w’aso tie,


Na wo, onipa ba, mede wo asi ɔwɛmfoɔ ama Israel fie, na tie m’anomu asɛm, na fa bɔ wɔn kɔkɔ.


Na ɔbarima no kasa kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa w’ani hwɛ, na fa w’aso tie, na fa w’adwene to deɛ merema woahunu no nyinaa so. Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mɛma woahunu nti na wɔde wo baa ha. Ka deɛ wohunu yi nyinaa kyerɛ Israel fie.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ɛno ne deɛ AWURADE kaa sɛ: Wɔn a wɔtwe pini me no mu na mɛyɛ me ho kronkron, na ɔman no nyinaa anim na mɛhyɛ me ho animuonyam.


Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔredwane akɔ Tarsis afiri AWURADE anim, na ɔsiane kɔɔ Yopa, na ɔkɔhunuu ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na ɔtuaa ka kɔtenaa mu sɛ ɔredwane AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis.


Aka kakraa bi na Aaron ati ne mpanimfoɔ wɔ asamando, na ɔrenkɔ asase a mede merema Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ moyɛɛ asoɔden maa m’anomu asɛm Meriba asuo ho.


ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔdi asafotoɔ no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛsoɔ mma nnwankuo no.


Na mekɔɔ ɔbɔfoɔ no nkyɛn mekɔka mekyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma ketewa no mma me. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Gye mene, na ɛbɛyɛ nwononwono wo yam, na w’anomu deɛ, ɛbɛyɛ fremfrem sɛ ɛwoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan