Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 2:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na wɔtie oo, wɔantie oo, ka me nsɛm kyerɛ wɔn, na wɔyɛ atuatefoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na wɔtie oo, wɔantie oo, ka me nsɛm kyerɛ wɔn, na wɔyɛ atuatefoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔyɛ atuatewfo ankasa nanso sɛ wobetie oo, sɛ wɔrentie oo, ɛsɛ sɛ woka me nsɛm kyerɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔyɛ atuatefoɔ ankasa nanso ɛsɛ sɛ woka me nsɛm kyerɛ wɔn; sɛ wɔbɛtie oo sɛ wɔrentie oo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na wotie oo, wɔantie oo, ka me nsɛm kyerɛ wɔn, na wɔyɛ asowuifo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 2:7
24 Iomraidhean Croise  

ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mene AWURADE, ka deɛ mɛka makyerɛ woɔ nyinaa kyerɛ Misraimhene Farao.


Enti wo deɛ, bɔ w’abɔsoɔ; na sɔre ka deɛ mɛhyɛ woɔ nyinaa kyerɛ wɔn. Mma wo ho mmpopo wɔ wɔn anim, na mamma wo ho ampopo wɔ wɔn anim.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nka sɛ: Meyɛ abɔfra; na mmom baabiara a mɛsoma woɔ no, kɔ, na asɛm biara a mɛka akyerɛ woɔ no, ka.


na ka kyerɛ wɔn sɛ: Montie AWURADE asɛm, Yuda ahemfo ne Yuda man nyinaa ne Yerusalemfoɔ a mofa apono yi mu ba mu nyinaa!


Odiyifoɔ a ɔso daeɛ no, ma no nka ne daeɛso, na deɛ m’asɛm wɔ ne hɔ no, ma no nka m’asɛm nokorɛ mu. Ɛdeɛn na ntɛtɛ ne ayuo wɔ yɛ? AWURADE asɛm nie.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Kɔgyina AWURADE fie abannwa mu, na Yuda nkuro a wɔba AWURADE fie asɔre no nyinaa, ka nsɛm a mehyɛ wo sɛ ka kyerɛ wɔn no nyinaa gu wɔn so; nyi mu asɛm biara;


Ɛnna Odiyifoɔ Yeremia kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Yudahene Sedekia wɔ Yerusalem.


Ɛnna mmapɔmma no nyinaa somaa Kusi ba Selemia ba Netania ba Yehudi kɔɔ Baruk nkyɛn sɛ: Mmobɔeɛ a wokenkan guu ɔman no aso mu no, fa kura wo nsam bra. Na Neria ba Baruk faa mmobɔeɛ no kuraa ne nsam de baa wɔn nkyɛn.


Na maka makyerɛ mo nnɛ, nso moantie AWURADE mo Nyankopɔn ne deɛ ɔde somaa me mo nkyɛn no nyinaa.


Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa, mmarima ne mmaa ne nkurɔfoɔ a wɔbuaa no no nyinaa sɛ:


Wɔn nyinaa yɛ asoɔdenfoɔ atuatefoɔ, wɔnenam di nsekuro, wɔyɛ kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ ara nko; wɔn nyinaa yɛ nkontompofoɔ.


Na woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ wɔn a, wɔrentie wo, na wofrɛ wɔn a, wɔrennye wo so.


Na mekaa AWURADE nsɛm a ɔmaa mehunuiɛ no nyinaa kyerɛɛ atukɔfoɔ no.


Onipa ba, wote atuatefoɔ fie, nnipa a wɔwɔ ani a wɔde hunu adeɛ nanso wɔnhunu, na wɔwɔ aso a wɔde teɛ nanso wɔnteɛ;


Na sɛ wɔtie oo, wɔantie oo, (ɛfiri sɛ abusua atuatefoɔ ne wɔn nti), ɛnyɛ dɛn ara a, wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi aba wɔn mu.


Enti, onipa ba, kasa kyerɛ Israel fie, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei mu nso, mo agyanom kaa abususɛm tiaa me, na wɔfomm me,


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, me nsɛm a mɛka kyerɛ woɔ nyinaa, fa w’akoma gye na fa w’aso tie,


Onipa ba, mede wo masi Israel fie wɛmfoɔ; enti tie m’anomu asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sim kɔ Israel fie nkyɛn, na fa me nsɛm kɔka kyerɛ wɔn.


Na wo, onipa ba, mede wo asi ɔwɛmfoɔ ama Israel fie, na tie m’anomu asɛm, na fa bɔ wɔn kɔkɔ.


Na ɔbarima no kasa kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa w’ani hwɛ, na fa w’aso tie, na fa w’adwene to deɛ merema woahunu no nyinaa so. Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mɛma woahunu nti na wɔde wo baa ha. Ka deɛ wohunu yi nyinaa kyerɛ Israel fie.


Montie, na monni Yakob fie adanseɛ, AWURADE Nyankopɔn asafo Nyankopɔn, asɛm nie:


Sɔre kɔ Ninewe kuro kɛseɛ no mu, na kɔpae asɛm a mereka makyerɛ woɔ no kyerɛ wɔn.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan