Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 2:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na sɛ wɔtie oo, wɔantie oo, (ɛfiri sɛ abusua atuatefoɔ ne wɔn nti), ɛnyɛ dɛn ara a, wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi aba wɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na sɛ wɔtie oo, wɔantie oo, (ɛfiri sɛ abusua atuatefoɔ ne wɔn nti), ɛnyɛ dɛn ara a, wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi aba wɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na sɛ wotie anaa wɔantie a, esiane sɛ wɔyɛ atuatewfo nti, wobehu ampa ara sɛ odiyifo bi aba wɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na sɛ wɔtie anaa wɔantie a, ɛsiane sɛ wɔyɛ atuatefoɔ enti, wɔbɛhunu ampa ara sɛ odiyifoɔ bi aba wɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na sɛ wotie oo, wɔantie oo, efisɛ abusua asowuifo ne wɔn, ɛnyɛ dɛn ara a, wobehu sɛ odiyifo bi aba wɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 2:5
20 Iomraidhean Croise  

Na Nyankopɔn nipa Elisa tee sɛ Israel hene asunsuane ne ntadeɛ mu no, ɔsoma maa wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn sɛ: Adɛn nti na woasunsuane wo ntadeɛ mu? Ma no mmra me nkyɛn ɛ, na ɔnhunu sɛ odiyifoɔ bi wɔ Israel.


Na ɔhene somaa Yehudi sɛ ɔnkɔfa mmobɔeɛ no mmra; na ɔkɔfa firii Ɔtwerɛfoɔ Elisama pia no mu bae; na Yehudi kenkanee, ɔhene ne mmapɔmma a wɔgyinagyina ɔhene ho no nyinaa aso mu.


AWURADE aka akyerɛ mo, Yuda nkaeɛ, sɛ monnkɔ Misraim! Na monhunu pefee sɛ madi mo adanseɛ nnɛ.


Onipa ba, Israel fie, atuatefoɔ fie no, nka nkyerɛɛ wo sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?


Ka kyerɛ asowuiɛ fie no sɛ: Monhunu adekodeɛ a yei yɛ? Ka sɛ: Hwɛ, Babel hene baa Yerusalem, na ɔbɛfaa emu hene ne emu asafohene, na ɔde wɔn kɔɔ ne nkyɛn Babel.


Na wɔtie oo, wɔantie oo, ka me nsɛm kyerɛ wɔn, na wɔyɛ atuatefoɔ.


Na bu asowuiɛ fie no bɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Fa ɛsɛn no si so, na hwie nsuo nso gu mu.


Na sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ no kɔkɔ, na wansane amfiri ne bɔne no mu ne n’akwammɔne no so a, ɔbɛwu n’amumuyɛ mu, na wo deɛ, woagye wo kra.


Na wo tɛkyerɛma nso, mɛma no afam wo dodo mu, na woatɔre mum, na woanyɛ wɔn ɔkasakyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ fie.


Na sɛ me ne wo rebɛkasa a, mɛbue w’ano na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ. Ma ɔtefoɔ nte, na ogyaefoɔ nnyae; na wɔyɛ asowuiɛ fie.


Na ɛnya ba a, hwɛ ɛbɛba, na wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi atena wɔn mu pɛn.


Na wo, sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ no kɔkɔ ne kwan ho, sɛ ɔnsane mfiri so, na wansane amfiri ne kwan no so a, ɔno deɛ, ɔbɛwu n’amumuyɛ mu, na wo nso woagye wo kra nkwa.


Na ka kyerɛ atuatefoɔ, Israel fie no, sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Israel fie, mo akyiwadeɛ no nyinaa, momma no nnɔɔso mma mo,


Sɛ mamma mammɛka mankyerɛ wɔn a, anka wɔnni bɔne; na afei deɛ, wɔnni wɔn bɔne ho anoyie.


Na Paulo ne Barnaba de akokoɔduro kaa sɛ: Ɛhia sɛ anka wɔka Nyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane; na ɛnam sɛ mosum twene na mobu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdane kɔ amanaman no nkyɛn.


Na sɛ ebinom annye anni ɛ? Wɔn gyeɛ a wɔnnye nnie no bɛma Nyankopɔn gyidie no adane hunu anaa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan