Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 17:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɔkɔdeɛ kɛseɛ bi, a ɔwɔ ntaban akɛseakɛse, ne ntakra atenteneatentene, ntakra nworanworan ayɛ ne ho ma, baa Lebanon bɛbuu tweneduro nkona.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɔkɔdeɛ kɛseɛ bi, a ɔwɔ ntaban akɛseakɛse, ne ntakra atenteneatentene, ntakra nworanworan ayɛ ne ho ma, baa Lebanon bɛbuu tweneduro nkona.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɔkɔre kɛse bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wɔ mu ne ntakra atenten bebree a ɛwɔ ahosu ahorow baa Lebanon. Okosii sida dua nkɔn mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔkɔdeɛ kɛseɛ bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wɔ mu ne ntakra atentene bebree a ɛwɔ ahosu ahodoɔ baa Lebanon. Ɔkɔsii ntweneduro dua nkɔn mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɔkɔre kɛse bi, ne ntaban akɛseakɛse, ne ntakra atenten-atenten, ntakra nworannworan ayɛ ne ho ma, ɔbaa Lebanon bebuu kyeneduru nkoa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 17:3
20 Iomraidhean Croise  

AWURADE maa mehwɛe, na hwɛ, mmorɔdɔma nkɛntɛn mmienu a wɔde asisi AWURADE asɔredan anim nie, ɛberɛ a Babelhene Nebukadnessar tuu Yudahene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda asafohene ne adwumfoɔ ne atomfoɔ firii Yerusalem kɔɔ Babel no.


Hwɛ! Ɔreforo aba sɛ mununkum, na ne nteaseɛnam te sɛ mframa a ɛdi kyinhyia; n’apɔnkɔ ho yɛ hare sene akɔdeɛ. Yɛnnue! Na yɛawie sɛe!


Na sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, obi retu sɛ ɔkɔdeɛ, na ɔtrɛ ne ntaban mu ba Moab so.


W’ahodwire ne w’akoma ahantan adaadaa wo, wo a wote ɔbotan ntokuro mu, wo a wote nkokoɔ a ɛkorɔn soɔ; sɛ woyɛ wo buo sorosoro sɛ ɔkɔdeɛ mpo a, ɛhɔ ara na mɛyi wo afiri asi fam, AWURADE asɛm nie.


Yɛn atifoɔ ho yɛ hare sene ɔsoro akɔdeɛ; wɔti yɛn yerɛdɛyerɛdɛ mmepɔ so, wɔtetɛ yɛn ɛserɛ so.


Ne nkɔnmu mu ban na ɔpaneeɛ, na ɔde kɔɔ adwadie asase bi so, ɔkɔtɛɛ no adwadifoɔ kuro bi mu.


Nso na ɔkɔdeɛ kɛseɛ foforɔ bi wɔ hɔ, ne ntaban akɛseakɛse, na ne ntakra bebree. Na hwɛ, bobe no firi n’akofie a wɔtɛɛ no wɔ mu no mu tentene, ne nhini kɔɔ ne fam, na ɛyiyii ne mman kɔɔ ne so, sɛ ɔmma no nsuo.


Hwɛ, Asiria te sɛ Lebanon so tweneduro, ne mman fɛfɛ, n’ahahan kusuu a ɛma enwunu, na ɛkorɔn sorɔnsorɔn a ne ntɛntɛnoa wɔ mununkum ntam.


na baabiara a nnipa mma, wiram mmoa ne ewiem nnomaa teɛ no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa, na ɔde wo adi wɔn nyinaa so: Wone sika tiri no.


ɛne wo, ɔhene a woso na woyɛ den na wo kɛseyɛ dɔɔso kɔduru soro na wo tumidie duru asase ano no.


Deɛ ɔdi kan no te sɛ gyata, na ɔwɔ ɔkɔdeɛ ntaban; mehwɛe ara kɔsii sɛ wɔtutuu ne ntaban no, na wɔmaa no so firii fam, na wɔmaa no gyinaa nan mmienu so sɛ onipa, na wɔmaa no onipa akoma.


Fa totorobɛnto tua w’ano; ɛbɛba AWURADE fie so sɛ ɔkɔdeɛ; ɛfiri sɛ wɔafomfom m’apam na wɔato me mmara.


Wɔn apɔnkɔ ho yɛ hare sene asebɔ, na wɔyɛ aniɛden sene anwummerɛ mpataku, na wɔn apɔnkɔsotefoɔ twetwe wɔn mu kɔ kan, na wɔn apɔnkɔsotefoɔ firi akyirikyiri reba, wɔtu sɛ ɔkɔdeɛ a ɔrepɛ adidie ho ntɛm.


Na faako a efunu wɔ no, ɛhɔ na apɛtɛ bɛboaboa wɔn ano.


Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa, a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ akuta wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ, wɔn a wɔyare ɛtwirɛ ne wɔn a wɔyare mmubuo brɛɛ no na ɔsaa wɔn yadeɛ.


AWURADE de ɔman bi bɛfiri akyirikyiri afiri asase ano aba wo so, ɔherɛ so, sɛdeɛ ɔkɔdeɛ tuo; ɔman a wonte wɔn kasa,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan