Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 13:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na hwɛ, ɔfasuo no bɛhwe ase. Wɔrenka nkyerɛ mo sɛ: Ɛhe na sra a mosraa ho no wɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na hwɛ, ɔfasuo no bɛhwe ase. Wɔrenka nkyerɛ mo sɛ: Ɛhe na sra a mosraa ho no wɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na sɛ ɔfasu no bu gu fam a, nnipa remmisa wo se, ‘he na akaadoo a wɔde sraa ho no afa,’ ana?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na sɛ ɔfasuo no bu gu fam a, nnipa remmisa wɔn sɛ, ‘ɛhe na akaadoo a wɔde sraa ho no afa’ anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na hwɛ, ɔfasu no bɛhwe ase. So wɔrenka nkyerɛ mo sɛ: Ɛhe na ɔsra a mosraa ho no wɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 13:12
11 Iomraidhean Croise  

Na Elisa ka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Kɔ w’agya adiyifoɔ ne wo na adiyifoɔ no nkyɛn! Na Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, na AWURADE afrɛ ahemfo baasa yi ahyia sɛ ɔde wɔn rekɔhyɛ Moab nsa.


Na ɔntumi nkora no bio no, ɔfaa mmɛwa adaka bi de ama ne ɛhyɛ sraa ho, na ɔde abɔfra no too mu, na ɔde kɔsii wira mu wɔ asuo no ano.


Na ɛhe na w’anyame a woyɛ faeɛ no wɔ? Ma wɔnsɔre, sɛ wɔbɛtumi agye wo, w’amanehunu berɛ mu anaa? Na sɛdeɛ wo nkuro dodoɔ teɛ no, saa ara na w’anyame dodoɔ teɛ, O Yuda!


Na ɛhefa na mo adiyifoɔ a wɔhyɛɛ mo nkɔm sɛ: Babel hene remma mo ne asase yi so, no wɔ?


ka kyerɛ wɔn a wɔde hyire sra ho no sɛ: Ɛbɛhwe ase! Osuo a ɛsram soɔ bɛba, na asukɔtweaa bɛtotɔ, na kyinhyia mframa bɛbɔ.


Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛma kyinhyia mframa abɔ wɔ m’abufuhyeɛ mu, na osuo a ɛsram soɔ aba wɔ m’abufuo mu, na asukɔtweaa aba anibereɛ mu abɛwie.


Na ɔbɛka sɛ: Ɛhe na wɔn anyame no wɔ, ɔbotan a wɔde wɔn ho too soɔ no?


Monkɔ nkɔsu mfrɛ anyame a moayi wɔn no, na wɔnnye mo mo ahohia berɛ mu.


Na Sebul ka kyerɛɛ no sɛ: Afei, ɛhe na w’ano a ɛkaa sɛ: Hwan ne Abimelek a yɛnsom no no wɔ? Ɛnyɛ nnipa a wobuu wɔn akumaa no nie? Afei firi adi ɛ, na wo ne wɔn nkɔko.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan