Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 10:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na mehunui, na hwɛ, na nkyimiiɛ nnan wowɔ Kerubim no nkyɛn mu, nkyimiiɛ baako wɔ Kerubim no mu biara nkyɛn mu, na nkyimiiɛ no ani te sɛ sikabereɛboɔ ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na mehunui, na hwɛ, na nkyimiiɛ nnan wowɔ Kerubim no nkyɛn mu, nkyimiiɛ baako wɔ Kerubim no mu biara nkyɛn mu, na nkyimiiɛ no ani te sɛ sikabereɛboɔ ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Mehwɛe, na mihuu nkyimii anan a baako biara gyina kerubim nkyɛn, na nkyimii no pa yerɛw yerɛw te sɛ sikabereɛbo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Mehwɛeɛ, na mehunuu ntwahonan ɛnan a baako biara gyina Kerubim nkyɛn, na ntwahonan no pa yerɛ yerɛ te sɛ sikabereɛboɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na mihui, na hwɛ, nkyimii anan wowɔ Kerubim no nkyɛn mu, nkyimii biako wowɔ Kerubim no mu biara nkyɛn mu, na nkyimii no ani te sɛ sikaberebo ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 10:9
6 Iomraidhean Croise  

Na nnaka no wowɔ kɔbere mfrafraeɛ ntwahonan nnan nnan ne kɔbere mfrafraeɛ nhyɛmu dua, na ne nsisoɔ nan nnan no so wowɔ nsosɔmu nsa bi, wɔgui, dwaresɛn no ase, na nhahamma nkyekyereɛ wowɔ nkyɛn nkyɛn.


Na nnan no nyinaa suban yɛ su korɔ, te sɛdeɛ nkyimiiɛ hyɛ nkyimiiɛ mu.


Na Kerubim no wɔ biribi a ɛte sɛ nipa nsa wɔ wɔn ntaban ase.


na ne nipadua te sɛ sikabereɛboɔ, na n’anim te sɛ anyinam, na n’ani te sɛ ogyaframa, na n’abasa ne ne nan te sɛ yaawa a wɔahoa ho, na ne kasa nnyegyeeɛ te sɛ nnipa dodoɔ nne.


deɛ ɛtɔ so nnum yɛ ɛtɔnboɔ, deɛ ɛtɔ so nsia yɛ bogyanamboɔ, deɛ ɛtɔ so nson yɛ sikabereɛboɔ, deɛ ɛtɔ so nwɔtwe yɛ apopobibireboɔ, deɛ ɛtɔ so nkron yɛ akrateboɔ, deɛ ɛtɔ so du yɛ dɛnkyɛmmoɔ, deɛ ɛtɔ so dubaako yɛ owisiboɔ, deɛ ɛtɔ so dummienu yɛ beredumboɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan