Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 10:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɔtee Kerubim no ntaban mu gyegyeɛ no kɔsii ɛho fam abannwa no so, sɛ Onyankopɔn Tumfoɔ a ɔrekasa no nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na ɔtee Kerubim no ntaban mu gyegyeɛ no kɔsii ɛho fam abannwa no so, sɛ Onyankopɔn Tumfoɔ a ɔrekasa no nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Bere a ɔrekasa no na wɔte kerubim ntaban no nnyigyei no wɔ mfikyiri fam adiwo hɔ te sɛ Otumfo Nyankopɔn nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Kerubim ntaban no nnyegyeeɛ no, na wɔte wɔ mfikyire fam adihɔ hɔ te sɛ Otumfoɔ Onyankopɔn nne, ɛberɛ a ɔrekasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na wɔtee Kerubim no ntaban mu gyigye no kosii ɛho fam abangua no so, sɛ Onyankopɔn Tumfo a ɔrekasa no nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 10:5
19 Iomraidhean Croise  

Yeinom nyinaa yɛ aboɔ a ne boɔ yɛ den, wɔasusu no sɛ aboɔ a wɔasene no ahinanan, wɔde ɛwan na ɛtwaeɛ, ɛwowɔ emu fam ne akyire fam, firi fapem so kɔpem atifi, na ɛfiri akyire fam kɔsi abannwa kɛseɛ no so.


Na ɔyɛɛ asɔfoɔ abannwa ne ban mu adihɔ kɛseɛ no, na ɔde apono sisii adihɔ no ano, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa apono no ho.


Wowɔ nsa sɛ Nyankopɔn deɛ, na wobɛtumi de nne a ɛte sɛ ne deɛ abom?


Monto mma deɛ ɔte tete soro mu soro. Hwɛ, ɔma wɔte ne nne a ɛyɛ tumi nne.


Amununkum tɔɔ osuo bibibibi, ewiem tɔnn gyegyee, w’agyan nso pepaa anyinam,


Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anɔpa no, aprannaa ne anyinam ne mununkum duruduro ne totorobɛnto nne a ɛyɛ den yie baa bepɔ no so. Na ɔman a wɔwɔ nsraban no mu nyinaa ho popoe.


Na totorobɛnto no nne kɔɔ so na ano yɛɛ den ara no, Mose kasae, na Onyankopɔn de nne kɛseɛ gyee so.


Na metee AWURADE nne sɛ ɔse: Hwan na mensoma no, na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn? Na mese: Meni, soma me!


Na wɔnante a, na mete wɔn ntaban no gyegyeɛ sɛ asuo bebree gyegyeɛ, sɛ Otumfoɔ nne, huuyɛ gyegyeegye a ɛte sɛ ɛdɔm nne; sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu.


Na ɔhyɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ no sɛ: Fa ogya firi nkyimiiɛ no ntam, Kerubim no ntam no, ɔkɔɔ mu kɔgyinaa nkyimiiɛ no ho.


Ɛnna ɔde me kɔɔ abannwa a ɛwɔ akyire no soɔ, na hwɛ, na adammoa wowɔ hɔ, ne aboɔ nsɛeɛ a wɔayɛ no abannwa so hɔ atwa ahyia. Adammoa aduasa na na ɛwɔ aboɔ nsɛeɛ no ho.


Ɛnna ɔde me firii adi baa abannwa a ɛwɔ ho no soɔ, na ɔmaa mesene kɔɔ abannwa no ntweaso nnan no ho, na hwɛ, atuntuma bi wɔ abannwa no biara ntweaso.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan