Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 10:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na mehunui, na hwɛ, na ntrɛmu a ɛwɔ Kerubim no atifi no so biribi te sɛ hoaboɔ a wɔhwɛ a, ne suban ne ne tebea te sɛ ahennwa nsɛsoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na mehunui, na hwɛ, na ntrɛmu a ɛwɔ Kerubim no atifi no so biribi te sɛ hoaboɔ a wɔhwɛ a, ne suban ne ne tebea te sɛ ahennwa nsɛsoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mehwɛe, na mihuu biribi te sɛ bibiri ahengua a ɛsensɛn ntrɛwmu a ɛwɔ kerubim apampam no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mehwɛeɛ, na mehunuu biribi te sɛ aboɔdemmoɔ ahennwa a ɛhoho ntrɛmu a ɛwɔ Kerubim apampam no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na mihui, na hwɛ, ntrɛwmu a ɛwɔ Kerubim no atifi no so biribi te sɛ hoabo a wɔhwɛ a, ne suban ne ne tebea te sɛ ahengua sɛso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 10:1
27 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE kaa sɛ: Memfa deɛ merebɛyɛ yi mensie Abraham anaa?


Na ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, mmarima baasa abɛgyina ne ntentensoɔ. Na ɔhunuu wɔn no, ɔfirii ne ntomadan pono ano tuu mmirika kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase


Na mmarima no danee wɔn ani firii hɔ kɔɔ Sodom; na Abraham deɛ, na ɔda so gyina AWURADE anim ara.


Na ɔkaa sɛ: Hwɛ, masi me bo sɛ me ne AWURADE bɛkasa. Ebia wɔbɛhunu aduonu wɔ hɔ. Na ɔse: Aduonu no nti merensɛe hɔ.


Na ɔpamm onipa no, na ɔde Kerubim ne ogyaframa afena a ɛdi ahim bɛsii Eden turo no anim apueeɛ fam sɛ wɔnwɛn ɔkwan a ɛde kɔ nkwa dua no ho no.


Na ɛkaa Yakob nko ara. Na ɔbarima bi ne no bɛtentamee kɔduruu adekyeeɛ.


Na Yakob too ɛhɔ din Peni-el, ɛfiri sɛ ɔse: Me ne Onyankopɔn adi nhunuanimu, nso me kra anya nkwa.


Na ɔtenaa Kerub so na ɔtui, na ɔde mframa ntaban tu bae afrɛ so.


Na wɔhunuu Israel Nyankopɔn no; na ne nan ase te sɛ adeɛ a wɔde hoaboɔ a emu teɛ ayɛ, na ne nahanaha te sɛ ɔsoro pa ara.


Na nna pii akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Eufrate, na kɔfa abɔsoɔ a mehyɛɛ wo sɛ fa kɔsie hɔ no bra.


Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Na afe a ɛtɔ so aduasa, bosome a ɛtɔ so nnan, da a ɛtɔ so nnum no, berɛ a na mewɔ atukɔfoɔ no mu, Asuo Kebar ho no, ɔsoro bueeɛ, na mehunuu Nyankopɔn hɔ anisoadehunu.


Yeinom ne ateasefoɔ a mehunuu wɔn Israel Nyankopɔn aseɛ, Asuo Kebar ho no, na mehunuu sɛ ɛyɛ Kerubim.


Ɛnna Kerubim no memaa wɔn ntaban soɔ, na nkyimiiɛ no di wɔn nkyɛnmu, na Israel Nyankopɔn animuonyam no wɔ wɔn so wɔ soro.


Na hwɛ, ɔbarima a wɔhyɛ nwera atadeɛ a ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene no de asɛm sane baa sɛ: Mayɛ sɛdeɛ wohyɛɛ me no.


Mɛgyina m’ahwɛeɛ, na mede me ho bɛsi aban so, na masra mahwɛ asɛm ko a ɔbɛka akyerɛ me ne deɛ mede bɛbua no wɔ me nkurobɔ no ho.


Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no korɔ no a ɔtwere Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.


a ɔde yɛɛ adeɛ Kristo mu, nyanee no firii awufoɔ mu no teɛ. Ɔde no tenaa ne nifa ɔsoro,


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne akofoɔ no mahyɛ wo nsa.


Ɔno na ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Nyankopɔn nifa, na abɔfoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.


na nkaneadua no mfimfini no, mehunuu obi a ɔte sɛ onipa ba a ɔhyɛ atadeɛ yuu, na ɔde sika abɔsoɔ abɔ ne koko so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan