Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 1:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Nkyimiiɛ no tebea ne ne yɛbea te sɛ sikaberɛboɔ ani, na nnan no kura suban korɔ, na wɔn su ne wɔn yɛbea te sɛ nkyimiiɛ a ɛhyɛ nkyimiiɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Nkyimiiɛ no tebea ne ne yɛbea te sɛ sikaberɛboɔ ani, na nnan no kura suban korɔ, na wɔn su ne wɔn yɛbea te sɛ nkyimiiɛ a ɛhyɛ nkyimiiɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Sɛɛ na na nkyimii no bɔbea te: Etwa yerɛw yerɛw te sɛ sikabereɛbo, na anan no nyinaa sesɛ. Wɔayɛ mu biara te sɛ nkyimii a ɛtoa nkyimii foforo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Sei na na ntwahonan no bɔberɛ teɛ: ɛtwa yerɛ yerɛ te sɛ sikabereɛboɔ, na ɛnan no nyinaa sesɛ. Wɔayɛ emu biara te sɛ ntwahonan a ɛbea ntwahonan foforɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 nkyimii no tebea ne ne yɛbea te sɛ sikabereɛbo ani, na anan no kura suban koro, na ne su ne ne yɛbea te sɛnea nkyimii biako bea biako mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 1:16
11 Iomraidhean Croise  

na ntwahonan no yɛbea te sɛ teaseɛnam deɛ, ɛho nsa ne ne hankra ne ne mpadeɛ ne ne berɛmo nyinaa nso, wɔgui.


Ɔyɛ ade akɛseɛ a ɛnni nhwehwɛmu ne anwanwadeɛ a wɔntumi nkan.


Wo tenenee te sɛ Nyankopɔn mmepɔ, w’atemmuo te sɛ ebunu a emu dɔ. AWURADE, wogye nnipa ne mmoa nkwa.


AWURADE, me Nyankopɔn, w’anwanwadeɛ ne w’adwene, woama no adɔɔso ama yɛn, wɔrentumi mfa biribiara nto wo ho; anka mɛka na makasa ho, ɛdɔɔso sene sɛ wɔbɛtumi akan.


na kyerɛpɛn a ɛtɔ so nnan yɛ sikabereɛboɔ, apopobibireboɔ ne ahwehwɛboɔ; ne nsisimu no wɔyɛɛ ho sika nnwinneɛ hyiae.


Ne nsa yɛ sika nnwinneɛ a wɔde sikabereɛboɔ asisi mu, ne nipadua yɛ asonse adwinneɛ a wɔde hoaboɔ adura soɔ.


na ne nipadua te sɛ sikabereɛboɔ, na n’anim te sɛ anyinam, na n’ani te sɛ ogyaframa, na n’abasa ne ne nan te sɛ yaawa a wɔahoa ho, na ne kasa nnyegyeeɛ te sɛ nnipa dodoɔ nne.


Mehwɛe ara kɔsii sɛ wɔsisii ahennwa, na deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen bɛtenaa ase, n’atadeɛ hoa sɛ nwera, na ne tirinwi hoa sɛ odwanten nwi fitafita; n’adwa yɛ ogyaframa ara nko, ne ntwahonan ogya a ɛrefranam.


O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ! Wɔrenhunu n’atemmuo mu peepee, na wɔrenhunu n’akwan akyiri hwehwɛ nwie da.


sɛ afei wɔmfa asafo no so mma mpaninnie ne tumi ahodoɔ a ɛwɔ soro hɔnom nhunu Nyankopɔn nyansa bebree no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan