Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 1:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na afe a ɛtɔ so aduasa, bosome a ɛtɔ so nnan, da a ɛtɔ so nnum no, berɛ a na mewɔ atukɔfoɔ no mu, Asuo Kebar ho no, ɔsoro bueeɛ, na mehunuu Nyankopɔn hɔ anisoadehunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na afe a ɛtɔ so aduasa, bosome a ɛtɔ so nnan, da a ɛtɔ so nnum no, berɛ a na mewɔ atukɔfoɔ no mu, Asuo Kebar ho no, ɔsoro bueeɛ, na mehunuu Nyankopɔn hɔ anisoadehunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afe a ɛto so aduasa no, ɔsram a ɛto so anan no da a ɛto so anum no, na meka wɔn a wɔatwa wɔn asu akɔ amannɔne no ho. Mewɔ Asubɔnten Kebar ho no, ɔsoro buei, na mihuu Onyankopɔn wɔ anisoadehu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afe a ɛtɔ so aduasa no, bosome a ɛtɔ so ɛnan no ɛda a ɛtɔ so enum, ɛberɛ a na me ka atukɔfoɔ ho wɔ Asubɔnten Kebar ho no, ɔsoro bueɛ na mehunuu Onyankopɔn wɔ anisoadehunu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na afe a ɛto so aduasa, ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so anum no, na mewɔ atukɔfo no mu, asu Kebar ho, na ɔsoro buei, na mihuu Onyankopɔn hɔ anisoade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 1:1
39 Iomraidhean Croise  

Nsɛm yi akyiri no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehunu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w’akatua bɛdɔɔso pii.


Na Onyankopɔn nam anadwo anisoadehunu mu ka kyerɛɛ Israel sɛ: Yakob, Yakob! Na ɔse: Menie.


Babel nsubɔntene ho, ɛhɔ na yɛtenaeɛ na yɛsuiɛ berɛ a yɛkaee Sion no.


Na wɔhunuu Israel Nyankopɔn no; na ne nan ase te sɛ adeɛ a wɔde hoaboɔ a emu teɛ ayɛ, na ne nahanaha te sɛ ɔsoro pa ara.


Amos ba Yesaia anisoadeɛ a ɔhunuu no Yuda ne Yerusalem ho, Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia nna no mu.


Afe a Ɔhene Usia wuiɛ no, mehunuu AWURADE sɛ ɔte ahennwa a ɛkorɔn a wɔama soɔ so, na n’atadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie ma.


Ɛsiane sɛ moka sɛ: AWURADE ama adiyifoɔ so ama yɛn Babel nti,


AWURADE asɛm baa Busi ba Ɔsɔfoɔ Hesekiel nkyɛn, wɔ Kaldeafoɔ asase so, Asuo Kebar ho. Ɛhɔ AWURADE nsa baa ne so.


Na mehunui, na hwɛ, na ntrɛmu a ɛwɔ Kerubim no atifi no so biribi te sɛ hoaboɔ a wɔhwɛ a, ne suban ne ne tebea te sɛ ahennwa nsɛsoɔ.


Na nnan no nyinaa suban yɛ su korɔ, te sɛdeɛ nkyimiiɛ hyɛ nkyimiiɛ mu.


Na Kerubim no memaa wɔn ho so. Yeinom ne ateasefoɔ a mehunuu wɔn Asuo Kebar ho no.


Yeinom ne ateasefoɔ a mehunuu wɔn Israel Nyankopɔn aseɛ, Asuo Kebar ho no, na mehunuu sɛ ɛyɛ Kerubim.


Na wɔn anim nsɛsoɔ ne anim a mehunuu no Asuo Kebar ho no yɛ pɛ. Wɔn nyinaa nante kɔ wɔn anim tee.


Na honhom no maa me so de me kɔɔ Kaldea, atukɔfoɔ no nkyɛn, anisoadehunu mu, Nyankopɔn honhom mu. Na adeɛ a mehunuiɛ no firii me so kɔɔ soro.


Na mebaa Tel-abib atukɔfoɔ a wɔtete Asuo Kebar ho no nkyɛn deɛ wɔteɛ hɔ no, na metenaa hɔ nnanson, na me ho dwirii me wɔ wɔn mu.


Ɛnna mesɔre firi kɔɔ bonhwa no mu, na hwɛ, na AWURADE animuonyam no gyina hɔ sɛ animuonyam a mehunuu no Asuo Kebar ho no; na mede m’anim butuu fam.


Nyankopɔn anisoadehunu mu na ɔde me baa Israel asase soɔ, na ɔde me kɔgyinaa bepɔ a ɛkorɔn papaapa so, na ɛso te sɛ kuro bi a wɔakyekyere no anafoɔ fam.


Na adeɛ a mehunuiɛ no su te sɛ adeɛ a mehunuiɛ berɛ a ɔba bɛsɛee kuro no; na ɛyɛ anisoadehunu a ɛte sɛ adeɛ a mehunuu no Asuo Kebar ho no; na mede m’anim butuu fam.


Na ɔyii biribi a ɛte sɛ nsa nsɛsoɔ, na ɔsɔɔ m’atifi nwi mu, na honhom no maa me so faa asase ne ɔsoro ntam de me kɔɔ Yerusalem, Nyankopɔn anisoadehunu no mu, de me baa emu fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam no ano, deɛ ninkuntwe honi bi a ɛyi ninkunu sie hɔ.


Na makasa makyerɛ adiyifoɔ no, na mama anisoadehunu adɔɔso, na menam adiyifoɔ ano so mabubu mmɛ.


Na yei akyiri no, mɛhwie me honhom agu honam nyinaa so, na mo mmabanin ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm, na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ, na mo mmeranteɛ ahuhunu anisoadeɛ,


Na ɔkaa sɛ: Montie me nsɛm ɛ. Sɛ AWURADE diyifoɔ bi wɔ mo mu a, adehunu mu na mema no hu me, daeɛ mu na mekasa mekyerɛ no:


fa firi deɛ wadi mfeɛ aduasa de rekorɔ no so kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, na wɔnyɛ m’adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu.


Na wɔfiri bepɔ no so resiane no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka deɛ moahunu yi nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ onipa ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu.


Na wɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, ɔfirii nsuo no mu, hwɛ, ntɛm ara na ɔsoro bue maa no, na ɔhunuu Nyankopɔn Honhom sɛ ɛresiane sɛ aburuburo ba ne soɔ.


Na ɔfirii nsuo no mu no, ntɛm ara na ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom no resiane sɛ aburuburo aba ne soɔ.


Na ɛbaa sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueeɛ


Yesu firii n’adwuma aseɛ no, na wadi bɛyɛ mfirinhyia aduasa, (na nkurɔfoɔ dwenee no sɛ ɔyɛ Yosef ba), Eli ba,


Na Yesu see no sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, mobɛhunu ɔsoro sɛ abue, na Nyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane Onipa Ba no soɔ.


Na ɔhunuu soro sɛ abue, na adeɛ bi a ɛte sɛ nwera kɛseɛ a wɔakyekyere no ahinanan resiane aba ne soɔ, na wɔregyaa mu ato fam.


Ɛbɛyɛ awia nnɔnmmiɛnsa no, ɔhunuu anisoadeɛ pefee sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Kornelio!


na ɔkaa sɛ: Hwɛ, mehunu soro sɛ abue, na Onipa Ba no gyina Nyankopɔn nifa.


Ahohoahoa ho hia; ɛwɔ mu sɛ ɛnyɛ mma hwee; nanso mɛka Awurade anisoadehunu ne adiyie ho asɛm.


Na mehunuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ, na ɔbu atɛn, na ɔtu sa wɔ tenenee mu.


Yei akyiri no, mehwɛe, na hwɛ, wɔahini ɛpono ɔsoro, na ɛnne a metee kane sɛ totorobɛnto a ɛne me kasaeɛ no se: Foro bra ha na mɛkyerɛ wo deɛ ɛtwa sɛ yeinom akyiri no ɛba.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan