Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hebrifo 7:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 ɔnni agya nni na nni awoɔ ntoatoasoɔ, ɔnni nna mfitiaseɛ anaa nkwa awieeɛ, na wɔde no toto Nyankopɔn Ba no ho a, ɔyɛ ɔsɔfoɔ afebɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 ɔnni agya nni na nni awoɔ ntoatoasoɔ, ɔnni nna mfitiaseɛ anaa nkwa awieeɛ, na wɔde no toto Nyankopɔn Ba no ho a, ɔyɛ ɔsɔfoɔ afebɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Obi nnim Melkisedek agya, ne na, ne ne mpanyimfo ho asɛm. Saa ara na obi nnim nʼawo ne ne wu nso ho asɛm. Ɔsɛ Onyankopɔn Ba, na ɔda so yɛ ɔsɔfo daadaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Obi nnim Melkisedek agya, ne maame, ne ne mpanimfoɔ ho asɛm. Saa ara nso na obi nnim nʼawoɔ ne ne owuo nso ho asɛm. Ɔsɛ Onyankopɔn Ba, na ɔda so yɛ ɔsɔfoɔ daadaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 onni agya nni na nni awo ntoatoaso, onni nna mfiase anaa nkwa awiei, na wɔde no toto Onyankopɔn Ba no ho a, ɔyɛ ɔsɔfo afebɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hebrifo 7:3
11 Iomraidhean Croise  

Na Kohat mma ne: Amram ne Ishar, Hebron ne Usiel. Na Kohat mfeɛ a ɔdiiɛ yɛ mfeɛ ɔha aduasa mmiɛnsa.


na wɔhyiaa asafo no nyinaa boaa ano, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛdi kan, na wɔkaa wɔn awoɔ ntoatoasoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, wɔn din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu so de rekorɔ, mmaako mmaako;


Na ɔsɔhwɛfoɔ no baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɛ wone Nyankopɔn Ba no a, kasa na aboɔ yi nnane paanoo.


Enti, sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panin kɛseɛ a watwa mu ɔsoro, a ɔno ne Yesu, Nyankopɔn Ba no yi, momma yɛnsɔ yɛn gyidie asɛm a yɛgyina so ka no mu dendeenden.


Na saa Melkisedek yi, Salem hene, Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfoɔ, Abraham kɔkumm ahene no na ɔresane aba no, ɔkɔhyiaa no hyiraa no.


Na wɔdi ne ho adanseɛ sɛ: Woyɛ Melkisedek kwan so sɔfoɔ daa.


Nso Abraham maa no ade nyinaa so ntotosoɔ du du, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ tenenee hene kane, na ɛno akyiri nso, ɔyɛ Salem hene, ɛne asomdwoeɛ hene,


nanso deɛ n’abusua mfiri wɔn mu no gyee Abraham hɔ ntotosoɔ du du, na ɔhyiraa deɛ ɔwɔ bɔhyɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan