Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hagai 2:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Mo mu hwan na aka a ɔhunuu ɛdan yi n’akane animuonyam no? Na afei mohu no sɛn? Ɛnte sɛ adeɛ a ɛnyɛ hwee, mo ani so?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Mo mu hwan na aka a ɔhunuu ɛdan yi n’akane animuonyam no? Na afei mohu no sɛn? Ɛnte sɛ adeɛ a ɛnyɛ hwee, mo ani so?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 ‘Mo a moaka yi mu hena na ohuu saa ofi yi anuonyam sɛnea na ɛte kan no? Muhu no dɛn nnɛ? Ɛnyɛ mo sɛ ɛnsɛ hwee mprempren ana?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 ‘Mo a mo aka yi mu hwan na ɔhunuu saa fie yi animuonyam sɛdeɛ na ɛteɛ kane no? Ɛte mo sɛn ɛnnɛ? Ɛnyɛ mo sɛ ɛnsɛ hwee seesei anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Mo mu hena na aka a ohuu ɔdan yi kan anuonyam no? Na muhu no dɛn afei? So ɛnte sɛ ade a ɛnyɛ hwee, mo ani so?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hagai 2:3
8 Iomraidhean Croise  

Na Dawid kaa sɛ: Me ba Salomo yɛ abɔfra na ɔyɛ bɔkɔɔ, na efie no, wɔnsi mma AWURADE mma no nso kɛseɛ pa ara, na ɛnyɛ din ne afɛfɛdeɛ mma nsase nyinaa, na enti mɛsiesie mama no. Na Dawid siesiee nnoɔma a wɔdi si dan pii pa ansa na ɔrewuo.


Na wɔbuabuaa wɔn ho AWURADE ayeyie ne aseda no mu sɛ “ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa Israel so.” Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ AWURADE ayeyie no mu, sɛ wɔreto AWURADE fie fapem no nti.


Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne agyanom atitire no mu pii a wɔanyini, a wɔhunuu akane fie no, wɔtoo fapem no wɔ wɔn anim no, wɔde nne kɛseɛ sui, na nnipa pii nso maa wɔn nne so osebɔ ne anigyeɛ mu,


Wo nkuro kronkron adane ɛserɛ so, Sion adane ɛserɛ so. Yerusalem ayɛ akurofo.


Na wɔn ahokekadeɛ fɛfɛ no, wɔde dii ahantansɛm, na wɔde yɛɛ wɔn akyiwadeɛ mfonini, wɔn atantanneɛ no, ɛno nti na mɛma no adane efi ama wɔn.


So na ɛdan yi animuonyam bɛso, akyire yi deɛ no bɛsene kane deɛ no, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛha na mɛma asomdwoeɛ, asafo AWURADE asɛm nie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan