Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hagai 1:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Mohwɛɛ adeɛ pii kwan, na hwɛ, ayɛ ketewa. Na mode baa efie, na mehuu mu. Ɛdeɛn ntira? Asafo AWURADE asɛm nie. Me fie a ayɛ dantuo ntira, na mo deɛ, motu mmirika kɔ mo afie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Mohwɛɛ adeɛ pii kwan, na hwɛ, ayɛ ketewa. Na mode baa efie, na mehuu mu. Ɛdeɛn ntira? Asafo AWURADE asɛm nie. Me fie a ayɛ dantuo ntira, na mo deɛ, motu mmirika kɔ mo afie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Mo ani daa bebree so, nanso ɛyɛɛ kakraa bi. Na mode baa fie no, mihuw gui. Dɛn ntia?” Efisɛ, “me fi abubu.” Saa na Asafo Awurade ka, “bere a mo ani abere resisi mo afi no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Mo ani daa bebree so, nanso ɛyɛɛ kakraa bi. Na mode baa fie no, mehu guiɛ. Ɛdeɛn ntira?” Ɛfiri sɛ, “me fie abubu.” Saa na Asafo Awurade ka, “ɛberɛ a mo ani abere resisi mo afie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Mohwɛɛ ade pii kwan, na hwɛ, ayɛ ketewaa; na mode baa ofie, na mihuw petee. Adɛn nti? Asafo Awurade asɛm ni; me fi a ɛda ntuw nti a, na mo de, moasiesie mo afi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hagai 1:9
25 Iomraidhean Croise  

Na ɛkɔm bi baa Dawid berɛ so mfeɛ mmiɛnsa, afe toa afe so. Na Dawid kɔbɔɔ AWURADE anim mpaeɛ. Na AWURADE buaa sɛ: Mogya ho afobuo aba Saulo ne ne fiefoɔ so sɛ ɔkumm Gibeonfoɔ no.


Na ɛpo mu aka yiyii adi, wiase nnyinasoɔ ho daa hɔ. Ɛnam AWURADE animuka nti, ɛfiri ne hwene mu home tehyeetehyee mu.


Hwɛ, mede honhom bi bɛhyɛ ne mu, na wate nsɛm bi, na wasane akɔ n’asase so, na mama no atɔ nkrantɛ ano n’asase so.


Mɛse Onyankopɔn sɛ: Mmu me fɔ, ma menhunu adekodeɛ a enti wo ne me ham yi.


Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so dɔre ara, na obi di adɔna tra so, nanso ɛhia no ara.


Asamando ne ɔsɛeɛ mmee da, na onipa aniwa nso mmee da.


Abrabɔ nyinaa mu yɛ ɔbrɛ nko ara; obiara ntumi nka; adehwɛ mmee aniwa, na asɛnteɛ nso nyɛ aso ma ara da.


Nwira dwan, na nhwiren twam, na AWURADE home hu fa so. Ampa, ɔman no yɛ wira.


na bobeturo eka du no bɛma bobesa twahina baako pɛ, na homer baako a wɔadua bɛma bat baako pɛ.


Wɔguu ayuo, na wɔtwaa nnwerɛ; wɔbrɛe, na wɔannya mu hwee. Na wɔn ani bɛwuwu mo nnɔbaeɛ ho, AWURADE abufuhyeɛ no nti.


na mɛhwie m’abufuhyeɛ agu wo so, mɛfite m’anibereɛ gya no mu atia wo, na mɛyi wo ahyɛ mmarima atirimuɔdenfoɔ a wɔnim sɛeɛ ho nyansa no nsa.


na afe a ɛtɔ so nnum no, monni n’aba, na ne nnɔbaeɛ nkɔ so nnɔɔso mma mo: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Mo deɛ, ɛberɛ aduru ama mo sɛ motete mo adan a wɔaduradura mu mu, wɔ berɛ a efie yi deɛ, ayɛ dantuo yi?


Modua pii, nanso ketewa bi na monya firi mu; modidi, nanso mommee, monom nsa, nanso ɛnso mo; mofirafira ntoma, nanso mo ho nyɛ mo hye na ɔpaani apaadeɛ gu fotoɔ a wɔafiti ɛtoɔ mu.


Sɛ moantie na moamfa anhyɛ mo akoma mu sɛ mode animuonyam bɛma me din a, asafo AWURADE na ɔseɛ, ɛnneɛ mɛma nnome aba mo mu, na madome mo nhyira no; anokwa, madome wɔn dada, ɛfiri sɛ wɔnyɛ nnipa a wɔde m’asɛm sie wɔn akoma mu.


Wode aba pii bɛfiri akɔ afuom, na ketewaa bi na wobɛboa ano aba mu, ɛfiri sɛ ntutummɛ bɛdi.


Nanso mewɔ wo ho asɛm bi, ɛne sɛ, woagya wo kane dɔ no.


Dodoɔ a medɔ wɔn no, meyi wɔn atɛn, na metwe wɔn aso. Enti bɔ mmɔden na sakyera w’adwene!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan