Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hagai 1:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 na momforo bepɔ nkɔfa nnua mmra mfa mmɛsi dan no, na ɛbɛyɛ me fɛ, na mayi m’animuonyam makyerɛ, AWURADE na ɔseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 na momforo bepɔ nkɔfa nnua mmra mfa mmɛsi dan no, na ɛbɛyɛ me fɛ, na mayi m’animuonyam makyerɛ, AWURADE na ɔseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Afei momforo nkɔ nkoko no atifi, na momfa nnua mmra mmesi me fi no. Na mʼani begye ho, na wɔahyɛ me anuonyam.” Saa na Awurade ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Afei, momforo nkɔ nkokoɔ no atifi, na momfa nnua mmra mmɛsi me fie no. Na mʼani bɛgye ho, na wɔahyɛ me animuonyam.” Saa na Awurade ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 na momforo bepɔw nkɔfa nnua mmra mfa mmesi dan no, na ɛbɛyɛ me fɛ, na mayi m’anuonyam makyerɛ, Awurade na ose.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hagai 1:8
21 Iomraidhean Croise  

Na Israelfoɔ firi Misraim asase so baeɛ no akyi, afe a ɛtɔ so ahanan aduɔwɔtwe so, Salomo dii Israel so hene afe a ɛtɔ so nnan mu bosome Siw a ɛne bosome a ɛtɔ so mmienu (a ɛte sɛ Kɔtɔnimma) no soɔ no, ɔfitii aseɛ sii AWURADE dan no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ ne wo nkotosrɛ a wobɛsrɛɛ no m’anim no, na mayɛ efie a woasi yi kronkron, sɛ mede me din bɛto so akɔsi daa, na m’ani ne m’akoma atena hɔ nna nyinaa.


Afei momfa mo akoma ne mo kra mma, sɛ mobɛhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn. Na monsɔre nkɔsi AWURADE Nyankopɔn kronkronbea no, na wɔmfa AWURADE apam adaka no ne Nyankopɔn akronkronneɛ no mmra efie a wɔbɛsi ama AWURADE din no mu.


Na afei mafa efie yi ayɛ no kronkronbea, sɛ me din ntena hɔ nkɔsi daa, na m’ani ne m’akoma bɛtena hɔ nna nyinaa.


Na wɔde sika maa aboɔpaefoɔ ne nnua adwumfoɔ no, na wɔde aduane ne anonneɛ ne ngo maa Sidonfoɔ ne Tirofoɔ sɛ wɔnkɔfa ntweneduro nnua mfiri Lebanon nkɔ Yopa po ano, sɛdeɛ Persiahene Kores maa wɔn ho kwan no.


aboɔ akɛseɛ nkyerɛpɛn mmiɛnsa ne nnua nso kyerɛpɛn baako. Na ɛho ahweredeɛ no, wɔmfa mfiri ɔhene fie mma.


Na ɛhɔ na me ne Israelfoɔ bɛhyia, na wɔafa m’animuonyam so ayɛ kronkron.


Lebanon animuonyam bɛba wo nkyɛn, ne pepeaa, sɛsɛ ne kwabɔhorɔ bɛbom ahyehyɛ me kronkronbea hɔ; na mɛhyɛ me nantiabea animuonyam.


Wɔbɛboa Kedar nnwankuo nyinaa ano abrɛ wo, Nebaiot adwennini bɛsom wo; wɔde anisɔ bɛforo m’afɔrebukyia, na mɛhyɛ m’animuonyam fie no animuonyam.


na moanum n’awerɛkyekyerɛ nufoɔ amee, na moafe n’animuonyam mmorosoɔ ama mo bo atɔ mo yam.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Afei monwenwene mo akwan ho yie,


na mɛwoso amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa de w’agyapadeɛ bɛba, na mede animuonyam bɛhyɛ efie yi ma, asafo AWURADE na ɔseɛ.


So na ɛdan yi animuonyam bɛso, akyire yi deɛ no bɛsene kane deɛ no, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛha na mɛma asomdwoeɛ, asafo AWURADE asɛm nie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan