Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hagai 1:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ɔman yi ka sɛ: Ɛnya nnuruu berɛ a wɔde bɛsi AWURADE fie no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ɔman yi ka sɛ: Ɛnya nnuruu berɛ a wɔde bɛsi AWURADE fie no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Asɛm a Asafo Awurade ka ni: “Nnipa no reka se, ‘Bere no nya nnuu sɛ wosi Awurade fi no.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Asɛm a Asafo Awurade ka nie: “Nnipa no reka sɛ, ‘Ɛberɛ no nnya nnuruiɛ sɛ wɔsi Awurade fie no.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Sɛ asafo Awurade se ni: Ɔman yi ka sɛ: Ɛnyɛ bere a wɔde besi Awurade fi no ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hagai 1:2
14 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Ɔhene Yehoas frɛɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada ne asɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na monsiesiee efie no mu adango no? Afei monnnyegye sika amannifoɔ nkyɛn bio, na monyi mma na wɔmfa nyɛ efie no adango no.


Afei wɔkenkan Ɔhene Artasasta nwoma a ɔtwerɛɛ Rehun ne Ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ no anim ara pɛ no, wɔsii mu baa Yerusalem ntɛm so bɛhyɛɛ Yudafoɔ no, na wɔde nsa ne tumi sii wɔn kwan.


Na Yuda kaa sɛ: Nnesoasoafoɔ no ahoɔden so ahwan, nkunkumaboɔ no nso dɔɔso, enti yɛrentumi nto ɔfasuo no.


Ɔkwadwofoɔ se: Gyata wɔ adihɔ, wɔbɛku me, mmorɔno so!


Onipa ho suro sum fidie, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no ho deɛ ɔbɛyɛ sɔnn.


Deɛ ɔhwɛ mframa no rengu aba, na deɛ ɔhwɛ mununkum no rentwa.


okum wɔ ne berɛ, na ayaresa wɔ ne berɛ; bubuo wɔ ne berɛ, na osie wɔ ne berɛ;


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.


Ɔhene Dario afe a ɛtɔ so mmienu no, bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm nam Odiyifoɔ Hagai so baa Yuda Amrado Serubabel a ɔyɛ Sealtiel ba ne Ɔsɔfopanin Yosua a ɔyɛ Yehosadak ba nkyɛn sɛ:


Na AWURADE asɛm nam Odiyifoɔ Hagai so baa sɛ:


Na mmarima a wɔne no kɔeɛ no kaa sɛ: Yɛrentumi nkɔforo ntia ɔman no, ɛfiri sɛ wɔyɛ den sene yɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan