Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hagai 1:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yehosadak ba Ɔsɔfopanin Yosua ne ɔman no nkaeɛ no nyinaa tiee AWURADE wɔn Nyankopɔn ne Odiyifoɔ Hagai nsɛm, sɛdeɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn somaa no no, na ɔman no suroo AWURADE anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yehosadak ba Ɔsɔfopanin Yosua ne ɔman no nkaeɛ no nyinaa tiee AWURADE wɔn Nyankopɔn ne Odiyifoɔ Hagai nsɛm, sɛdeɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn somaa no no, na ɔman no suroo AWURADE anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na Sealtiel babarima Serubabel, Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae no tiee asɛm a efi Awurade, wɔn Nyankopɔn, ne Odiyifo Hagai a Awurade, wɔn Nyankopɔn, asoma no no. Na nnipa no de osuro maa Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɛnna Sealtiel babarima Serubabel, Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ no tiee asɛm a ɛfiri Awurade, wɔn Onyankopɔn, ne Odiyifoɔ Hagai a Awurade, wɔn Onyankopɔn, asoma no no. Na nnipa no de osuro maa Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yehosadak ba ɔsɔfopanyin Yosua ne ɔman no nkae no nyinaa tiee Awurade wɔn Nyankopɔn ne odiyifo Hagai nsɛm, sɛnea Awurade wɔn Nyankopɔn somaa no no, na ɔman no suroe Awurade anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hagai 1:12
19 Iomraidhean Croise  

Na ɔse: Mfa wo nsa nka abarimaa no, nso nyɛ no hwee. Afei na mahunu sɛ wosuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba korɔ no.


Na wɔhunuu asɔfoɔ mma mu wɔn a wɔawareware mmaa ananafoɔ: Yosadak ba Yesua ne ne nuanom mu: Maaseia ne Eliesa ne Yarib ne Gedalia.


Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua sɔreeɛ, na wɔfirii aseɛ sii Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no, na Nyankopɔn adiyifoɔ no ka wɔn ho na wɔsɔɔ mu.


Monyi AWURADE ayɛ! Nhyira ne onipa a ɔsuro AWURADE, na ɔnya ne mmara ho anika pii.


AWURADE suro ne nimdeɛ mfitiaseɛ; agyimifoɔ bu nyansa ne nkyerɛkyerɛ animtia.


Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na yei ne nnipa nyinaa asɛdeɛ.


Sɛ mopɛ na motie a, mobɛdi asase no so nnepa;


Mo mu hwan na ɔsuro AWURADE, na ɔtie n’akoa asɛm? Deɛ ɔnam sum mu na hann bi nhyerɛn mma no no, ma no mfa ne ho nto AWURADE din so, na ɔntwere ne Nyankopɔn.


Ɔhene Dario afe a ɛtɔ so mmienu no, bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm nam Odiyifoɔ Hagai so baa Yuda Amrado Serubabel a ɔyɛ Sealtiel ba ne Ɔsɔfopanin Yosua a ɔyɛ Yehosadak ba nkyɛn sɛ:


Na AWURADE kanyann Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no honhom, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfo panin no honhom, ne ɔman no nkaeɛ nyinaa ahonhom, na wɔba bɛyɛɛ adwuma, asafo AWURADE, wɔn Nyankopɔn fie,


Ka kyerɛ Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfo panin no, ne ɔman no nkaeɛ no sɛ:


Ɛnna asafo no nyaa asomdwoeɛ Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa, na wɔnyini kɔɔ so; na wɔnam Awurade suro ne Honhom Kronkron awerɛkyekyerɛ mu dɔree.


Na ɔman no mmarima ne mmaa, mmɔfra ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo nkuro apono mu mmɔ dwa na wɔntie, na wɔnsua, nsuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so:


Na wɔn mma a wɔnnim no ntie, na wɔnsua, nsuro AWURADE mo Nyankopɔn, nna a mode te asase a moretwa Yordan akɔ so akɔdi soɔ no so no nyinaa.


Asɛmpa no na aba mo nkyɛn, sɛdeɛ ɛwɔ wiase nyinaa nso, na ɛreso aba na ɛkɔ so nyini, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mo mu nso firi da a moteeɛ na mohunuu Nyankopɔn adom nokorɛ mu no,


Enti ɛnam sɛ yɛanya ahennie a ɛnwosoɔ yi, momma yɛmfa aseda mmra mfa so nsom Onyankopɔn sɛdeɛ ɛsɔ n’ani wɔ fɛreɛ ne ahodasoɔ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan