Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filipifo 4:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 deɛ moasua nso na moagyeɛ na moateɛ na moahunu wɔ me ho no, ɛno ara na monyɛ! Na asomdwoeɛ Nyankopɔn ne mo bɛtena.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 deɛ moasua nso na moagyeɛ na moateɛ na moahunu wɔ me ho no, ɛno ara na monyɛ! Na asomdwoeɛ Nyankopɔn ne mo bɛtena.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Nea moasua, na moanya afi me nkyɛn wɔ nsɛm ne nneyɛe mu no na monyɛ. Na Onyankopɔn a ɔma yɛn asomdwoe no bɛka mo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Deɛ moasua na moanya afiri me nkyɛn wɔ nsɛm ne nneyɛeɛ mu no na monyɛ. Na Onyankopɔn a ɔma yɛn asomdwoeɛ no bɛka mo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 nea moasua nso na moagye na moate na moahu wɔ me ho no, ɛno ara na monyɛ! Na asomdwoe Nyankopɔn ne mo bɛtena.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filipifo 4:9
36 Iomraidhean Croise  

Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma w’akoma nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me tenenee nifa mekura wo mu.


Montu agyina na ɛbɛyɛ ɔkwa, monka asɛm na ɛrennyina, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.


Hwɛ, ababaawa no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabanin, na wɔato ne din Imanuel, (a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn na ɛwɔ hɔ.)


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Ɛnyɛ obiara a ɔse me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu, na mmom gye deɛ ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no.


Na adɛn na mofrɛ me: Awurade, Awurade, na monyɛ deɛ meseɛ?


Na ɔbua see wɔn sɛ: Me na ne me nuanom ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wɔdi soɔ.


Sɛ monim yeinom na moyɛ a, nhyira ne mo.


Sɛ moyɛ deɛ mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.


Na ne na see asomfoɔ no sɛ: Biribiara a ɔbɛse mo no, monyɛ!


Sɔre kɔ kuro no mu, na wɔbɛka wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.


Asomdwoeɛ Nyankopɔn ne mo nyinaa ntena. Amen.


na asomdwoeɛ Nyankopɔn no bɛpɛkyɛ Satan mo nan ase ntɛm. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.


Enti sɛ modidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.


ɛfiri sɛ Onyankopɔn nyɛ sakasakayɛ Nyankopɔn, na mmom asomdwoeɛ Nyankopɔn, sɛdeɛ ɛteɛ ahotefoɔ asafo nyinaa mu no.


Enti metu mo fo sɛ: Monhwɛ me nsua me.


Afei awieeɛ, anuanom, makra mo. Monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, monnya adwene korɔ, montena asomdwoeɛ mu, na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Nyankopɔn bɛdi mo akyi.


Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel, montie ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mereka magu mo aso mu nnɛ yi, na monsua, na monni so nyɛ.


Anuanom, monsua me, na monhwɛ wɔn a wɔnam saa, sɛdeɛ mowɔ yɛn sɛ nhwɛsoɔ no.


na Nyankopɔn asomdwoeɛ a ɛtra nteaseɛ nyinaa soɔ no bɛhwɛ mo akoma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.


Na mo nso moayɛ yɛn ne Awurade suafoɔ de Honhom Kronkron mu anigyeɛ agye asɛm no ahohia pii mu,


Na mo, anuanom, moayɛ sɛ Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Yudea no, Kristo Yesu mu, ɛfiri sɛ mo nso mohunuu mo ara mo manfoɔ nsa mu amane saa ara, sɛdeɛ wɔn nso wɔhunuu no Yudafoɔ mu no.


Na ɔno asomdwoeɛ Nyankopɔn no ara nte mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so mu a ɛho remma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo ba mu.


Na yɛn ani da mo so Awurade mu, sɛ moyɛ na mobɛyɛ deɛ yɛhyɛ mo.


Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka wo.


Na monyɛ asɛm no yɛfoɔ, na monnyɛ atiefoɔ nko ara nnaadaa mo ho.


Enti mmom, anuanom, mommɔ mmɔden nhyɛ mo frɛ ne mo yie mu den; na sɛ moyɛ yeinom a, morensunti da.


na biribiara a yɛsrɛ no, yɛnya firi ne nkyɛn, ɛfiri sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so, na yɛyɛ deɛ ɛsɔ n’ani.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan