Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filipifo 4:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Afei deɛ ɛdi akyire, anuanom, deɛ ɛyɛ nokorɛ, deɛ anim yɛ duro, deɛ ɛtene, deɛ ɛho teɛ, deɛ ɛyɛ ahomeka, deɛ ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyie bi wɔ hɔ a, saa nnoɔma yi ho na monnwene;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Afei deɛ ɛdi akyire, anuanom, deɛ ɛyɛ nokorɛ, deɛ anim yɛ duro, deɛ ɛtene, deɛ ɛho teɛ, deɛ ɛyɛ ahomeka, deɛ ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyie bi wɔ hɔ a, saa nnoɔma yi ho na monnwene;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ nea ɛyɛ nokware, nea ɛwɔ anuonyam, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, deɛ ɛyɛ nokorɛ, deɛ ɛwɔ animuonyam, deɛ ɛtene, deɛ ɛho teɛ, deɛ ɛwɔ ɔdɔ, deɛ ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayɛyie bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na monnwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Afei nea edi akyiri no, anuanom, nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛyɛ ahomeka, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filipifo 4:8
67 Iomraidhean Croise  

Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fiefoɔ a ɛbɛdi n’akyire sɛ wɔnni AWURADE kwan so nyɛ tenenee ne atɛntenenee adeɛ, na AWURADE ama deɛ waka no Abraham ho no aba ne so.


Saulo ne Yonatan, wɔyɛ adɔfoɔ ne ahoɔfɛfoɔ. Wɔn nkwa mu ne wɔn wuo mu nso wɔanni ntetemu. Wɔn ho yɛ hare sene akɔdeɛ, wɔn ho yɛ den sene agyata.


Israel Nyankopɔn akasa, me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me. Deɛ ɔdi nnipa soɔ a ɔtene, deɛ ɔdi so Nyankopɔn suro mu.


Da bɛn na mobɛbu ntɛnkyea, na moahwɛ abɔnefoɔ anim akɔsie?


Nsisie nsania yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na abrammo a ɛtene no yɛ no anisɔ.


Ɔyepa yɛ ne kunu abotire, na deɛ ɔka aniwusɛm te sɛ nnompe mu porɔ.


Abrammoɔ ne nsania tee yɛ AWURADE dea, fotoɔ mu aboɔ nyinaa yɛ ne nnwuma.


Ɔteneneeni a ɔnam ne pɛyɛ mu, wɔbɛhyira ne mma wɔ n’akyi.


Ɔyepa, hwan na ɔbɛnya? Nso ne boɔ sene nhwene pa koraa.


Mma mmaa pii ayɛ yie, na wo deɛ, wosene wɔn nyinaa.


Momma no ne nsa ano aba bi, na ne nneyɛɛ nyi no ayɛ kuro apono mu.


N’anomu wɔ adɔkɔdɔkɔwadeɛ, na ne ho nyinaa yɛ akɔnɔdeɛ ara nko. Me dɔfoɔ nie, na m’adamfo nie, O Yerusalem mmammaa.


Ɔteneneeni kwan yɛ tee, wo na wototo ɔteneneeni tempɔn.


Na wɔsomaa wɔn asuafoɔ kaa Herodefoɔ no ho baa ne nkyɛn sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, na wokyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu, nanso obiara asɛm mfa wo ho; na wonhwɛ nnipa anim.


Na Herode suro Yohane, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ɔyɛ onipa tenenee ne kronkron; na ɔbɔɔ ne ho ban, na ɔretie no a, ne ho yera no pii, nanso ɔde anigyeɛ tiee no.


Na ɔsee wɔn sɛ: Moyɛ wɔn a wɔbu wɔn ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn deɛ, ɔnim mo akoma mu. Na deɛ ɛyɛ kɛseɛ nnipa mu no yɛ akyiwadeɛ Nyankopɔn anim.


Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi tene, ɔsuro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekyerɛ no, na Honhom Kronkron wɔ ne so.


Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔyɛ badwani na ɔyɛ onipa pa na ɔtene


Deɛ ɔbɔ ɔno ara ne tirim kasa no, hwehwɛ ɔno ara animuonyam; na deɛ ɔhwehwɛ deɛ ɔsomaa no no animuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a, deɛ ɛntene nni ne mu.


Na wɔbuaa sɛ: Asraafoɔ ɔha so panin Kornelio, onipa tenenee a ɔsuro Onyankopɔn na ɔwɔ din pa Yudafoɔ man nyinaa mu, ɔno na ɔbɔfoɔ kronkron bi yi kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛfrɛ wo mmra ne fie, na ɔntie w’anomu nsɛm.


Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔyɛ nyamesuroni, sɛdeɛ mmara no teɛ, a Yudafoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa bɔ no din pa


Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baason a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ahyɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so;


Momma yɛnnante fɛfɛɛfɛ, sɛdeɛ ɛfata hann, ɛnyɛ agobɔne ne nsaborɔ mu, ɛnyɛ adwamammɔ ne ahohwie mu, ɛnyɛ ɔko ne nitan mu;


Na wɔn a wɔdi mpanin no ho nyɛ hu mma wɔn a wɔyɛ nnwuma pa, na mmom wɔn a wɔyɛ bɔne. Wompɛ sɛ wosuro tumi no anaa? Ɛnneɛ yɛ papa, na woanya wɔn hɔ ayeyie!


Na deɛ ɔsom Kristo yeinom mu no, ɔsɔ Nyankopɔn ani, na nnipa bu no.


na mmom Yudani pa ara ne deɛ ɔte saa wɔ ne mu, na twetiatwa pa ara ne deɛ wɔayɛ no akoma mu wɔ honhom mu, na ɛnyɛ deɛ wɔatwerɛ mu. Ɔno na n’ayeyie mfiri nnipa, na mmom ɛfiri Onyankopɔn.


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn kɔsi sɛ ɛberɛ no bɛduru ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde deɛ ahunta sum mu bɛba hann mu, na wayi akoma mu agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyie bɛma no.


Nanso yɛbɔ Onyankopɔn mpaeɛ sɛ monnyɛ bɔne biara, ɛnyɛ sɛ wɔbɛhu yɛn sɛ yɛfata, na mmom mo, mobɛyɛ deɛ ɛyɛ fɛ, na yɛn deɛ yɛayɛ sɛ wɔn a wɔmfata.


animuonyam ne animguaseɛ mu, atenka bɔne ne atenka pa mu; sɛ asisifoɔ, nanso wɔyɛ nokwafoɔ;


Na yɛasoma no ne onua bi a wɔayi no ayɛ wɔ asɛmpa no ka ho wɔ asafo no nyinaa mu no,


na yɛdwene deɛ ɛfata, ɛnyɛ Awurade anim nko, na mmom nnipa anim nso.


Na honhom aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛre, ayamyɛ, papayɛ, gyidie,


Enti monyi atorɔ ntwene, na obiara nni ne yɔnko nokorɛ, ɛfiri sɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.


ɛfiri sɛ hann aba da adi papayɛ ne tenenee ne nokorɛ nyinaa mu,


Enti monnyina hɔ, momfa nokorɛ mmɔ mo asene, na monhyɛ tenenee nkataboɔ,


Asɛntenenee nko ara akyi na die, na woanya nkwa, na woakɔfa asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no.


Afei deɛ ɛdi akyire, me nuanom, momma mo ani nnye Awurade mu. Sɛ metwerɛ mo ade korɔ no ara a, ɛnyɛ adeɛ a ɛha me, na mmom, ɛma motim.


Monnante nyansam wɔ ananafoɔ mu, na monnsɛe mo berɛ kwa.


na moanante sɛdeɛ ɛfata, wɔn a wɔwɔ akyire no anim, na biribiara anhia mo.


ahemfo ne wɔn a wɔdi tumi nyinaa, na yɛatena ase komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu.


Mmaa no nso anim nyɛ duru saa ara, wɔnnyɛ nsekubɔfoɔ, wɔn ani so nna hɔ, wɔnni ade nyinaa mu nokorɛ.


ɔdi ɔno ara ne fie so yie ma ne mma hyɛ n’ase animuduro nyinaa mu.


Mma obi mmmu wo aberanteɛ a woyɛ no animtiaa, na mmom yɛ agyidifoɔ nhwɛsoɔ ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidie mu, ahoteɛ mu.


deɛ wɔdi no ne ne nnwuma pa ho adanseɛ: Sɛ wayɛne mma, sɛ wayɛ ahɔhoyɛ, sɛ wahohoro ahotefoɔ nan ho, sɛ waboa wɔn a wɔn ho ahia wɔn, sɛ wadi adwuma pa nyinaa akyi.


mmaa mpanimfoɔ sɛ ɛnanom, mmabaa sɛ nua mmaanom wɔ ahoteɛ nyinaa mu.


na mmom ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔpɛ papa, n’adwene mu te, ɔtene, ne ho te, ɔwɔ ahohyɛsoɔ,


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Nkɔkoraa ani so nna hɔ, wɔn anim nyɛ duru, wɔn adwene mu nte, wɔn ho nyɛ wɔn den, gyidie, ɔdɔ, ne boasetɔ fam.


Na biribiara mu no, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛsoɔ, nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animuduro,


Na ma yɛn nkurɔfoɔ no nsua nnwuma pa ho mmɔdemmɔ nso mfa mmoa wɔn a ɛhia wɔn, na aba pa ammɔ wɔn.


Na yei mu na tetefoɔ no nyaa adanseɛ pa.


Mommɔ mpaeɛ mma yɛn; ɛfiri sɛ yɛnim pefee sɛ yɛwɔ ahonim pa, pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yie nnoɔma nyinaa mu.


Onyamesom a ɛho teɛ na ɛho nni fi wɔ Agya Nyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nnyanka ne akunafoɔ wɔ wɔn ahohiahia mu, na ɔyi ne ho firi wiase nkekaeɛ mu.


Na nyansa a ɛfiri soro no deɛ, deɛ ɛdi kan ne sɛ ɛho te, ɛwɔ asomdwoeɛ, ɛwɔ ɔdwoɔ, ɛwɔ asoɔmmerɛ; mmɔborɔhunu ne aba pa ayɛ no ma, ɛnnye akyinnyeɛ, ɛnyɛ nyaatwom.


Monte mo kra ho, nokorɛ setie mu, nkɔ onuadɔ a nkontompo nni mu mu, na momfiri akoma mu nnodɔ mo ho mo ho denden.


na mommɔ bra pa amanaman mu, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfoɔ no, wɔhwɛ mo nneyɛɛ pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn animuonyam, “nsra da” no.


Na ne titire no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, ɛfiri sɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.


Adɔfo, yei ne nwoma a ɛtɔ so mmienu a meretwerɛ mabrɛ mo. Emu na mede nkaeɛ mekanyane mo adwene gyenegyene,


Me mma nkumaa, mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkyerɛma nnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛɛ ne nokorɛ mu.


Na obiara a ɔwɔ ne ho anidasoɔ yi no, ɔte ne ho sɛdeɛ ɔno ho teɛ.


Adɔfo, monnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wɔfiri Onyankopɔn anaa; ɛfiri sɛ adiyifoɔ atorofoɔ bebree aba wiase.


Na afei, me ba, nsuro. Deɛ woka nyinaa, mɛyɛ mama wo, ɛfiri sɛ me manfoɔ a wɔfa kuro pono ano nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbaa pa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan