Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filipifo 4:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Menim ahokyere, na menim ahonya nso. Biribiara ne nnoɔma nyinaa akokwa me, ɔmeeɛ ne ɛkɔm ne akonkosɛm ne hiadie;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Menim ahokyere, na menim ahonya nso. Biribiara ne nnoɔma nyinaa akokwa me, ɔmeeɛ ne ɛkɔm ne akonkosɛm ne hiadie;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Minim ohia, nim ahonya; masua saa ahintasɛm yi, enti baabiara ne bere biara, sɛ ɔkɔm de me anaa mamee, sɛ mewɔ bebree anaa kakraa bi no, mepɛ no saa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Menim ohia, nim ahonya, Masua saa ahintasɛm yi enti baabiara ne ɛberɛ biara, sɛ ɛkɔm de me anaa mamee, sɛ mewɔ bebree anaa kakra bi no, mepɛ no saa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Minim ahokyere, na minim ahonya nso. Biribiara ne nneɛma nyinaa akokwaw me, ɔmee ne ɔkɔm ne akonkɔnsɛm ne hiadi;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filipifo 4:12
15 Iomraidhean Croise  

Na wode wo Honhom pa no nso maa sɛ ɔnkyerɛ wɔn nyansa, na wo mana nso woamma no ampa wɔn ano, na nsuo nso womaa wɔn de kumm wɔn sukɔm.


Na sɛɛ na AWURADE de nsa denden ka kyerɛɛ me, na ɔde teaa me sɛ mennante ɔman yi kwan so sɛ:


Na me nsaneakyire akyi mesakyerae, na manya mahunu me ho yi, mebɔ me srɛ so; m’ani awu, na masopa mpo, ɛfiri sɛ mɛsɔ me mmeranteberɛ mu ahohora.


Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ɔhome ama mo kra.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei nti ɔtwerɛfoɔ biara a wɔayɛ no osuani ama ɔsoro ahennie no te sɛ efiewura bi a ɔfiri n’agyapadeɛ mu yi nnoɔma foforɔ ne dada adie.


Me Paulo ara na menam Kristo dwoɔ a ɔdwoɔ ne n’ayamyɛ so metu mo foɔ, me a mewɔ mo nkyɛn a, meyɛ mmɔborɔfoɔ wɔ mo mu, nanso menni mo nkyɛn a, meyɛ mo ho kokoɔdurufoɔ.


Na wɔka sɛ: Ne nwoma no deɛ, emu yɛ duru, na ɛkura tumi, nanso ɔwɔ yɛn ntam a, ɔyɛ mmerɛ, na ɔkasa nso a, ahoɔden biara nnim.


adwuma ne ɔbrɛ mu, apɛsire mu, ɛkɔm ne sukɔm mu, abuada pii mu, awɔ ne adagya mu.


Anaasɛ mayɛ bɔne, sɛ mebrɛɛ me ho ase maa wɔmaa mo soɔ, sɛ mekaa Nyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo kwa no?


Na mewɔ mo nkyɛn na ɛhiaa me no, manyɛ obiara so adesoa. Na deɛ ɛhiaa me no, anuanom a wɔfiri Makedonia baeɛ no maa me nsa kaeɛ; na nnoɔma nyinaa mu, mehwɛɛ me ho, na mɛhwɛ no saa ara, na manyɛ adesoa mamma mo.


Ɔhunuu no anwea pradada asase so ne nkyɛkyerɛ so, ɛserɛ so mmoa werɛmfoɔ su mu; ɔtwaa ne ho hyiae, ɔhwɛɛ ne so yie, ɔkoraa no sɛ n’aniwa kurutuawisi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan