Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filipifo 3:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Nanso nnoɔma a anka ɛyɛ me mfasoɔ no, Kristo nti mebuu no adehwereɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Nanso nnoɔma a anka ɛyɛ me mfasoɔ no, Kristo nti mebuu no adehwereɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Nanso nneɛma a na mefa no sɛ ɛyɛ mfaso nyinaa no, esiane Kristo nti, ayɛ adehwere.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Nanso, nneɛma a na mefa no sɛ ɛyɛ mfasoɔ nyinaa no, ɛsiane Kristo enti, ayɛ adehwereɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Nanso nneɛma a anka ɛyɛ me mfaso no, Kristo nti mibuu no adehwere.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filipifo 3:7
20 Iomraidhean Croise  

Na wɔde wɔn firii adie no, ɔkaa sɛ: Dwane gye wo kra nkwa, nhwɛ w’akyi, nso nnyina kanko yi mu baabiara; bepɔ so na dwane korɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo.


Na Lot yere no deɛ, ɔhwɛɛ n’akyi, na ɔdanee nkyene sie.


Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde wedeɛ pere wedeɛ, na deɛ onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.


Obi kra agyedeɛ ne n’ahonyadeɛ, na ohiani deɛ, ɔnte ntwianim.


Tɔ nokorɛ, na ntɔn; tɔ nyansa ne atenetene ne nhunumu nso.


ɔhwehwɛ wɔ ne berɛ, na ɔyera wɔ ne berɛ; nhwɛsoɔ wɔ ne berɛ, na ɔtoguo wɔ ne berɛ;


Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Anaasɛ, ɛdeɛn na onipa bɛma de asesa ne kra?


Na ɔtoo ne ntoma gui sɔre baa Yesu nkyɛn.


Sɛ obi ba me nkyɛn, na ɔntane n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuammarimanom ne ne nuammaanom ne ɔno ara ne ho nso a, ɔntumi nyɛ me suani.


Saa ara nso na mo mu biara a ɔnnya deɛ ɔwɔ nyinaa hɔ ntumi nyɛ me suani.


Na owura no kamfoo efiepanin oniteɛfoɔ no sɛ wadi no nyansam; yei mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mma wɔ nyansa sene hann mma wɔn mfɛfoɔ mu.


Na wɔdidi meeɛ no, wɔtoo aduane no guu po mu maa suhyɛn no mu yɛɛ hare.


Ɔbuu Kristo ahohora sɛ ahonya kɛseɛ senee Misraim ahonyadeɛ, ɛfiri sɛ ɔhwɛɛ akatua no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan