Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filipifo 3:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na yɛne twetiatwafoɔ no, yɛn a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na yɛne twetiatwafoɔ no, yɛn a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛyɛ yɛn, na ɛnyɛ wɔn na agye nokware twetiatwa ato mu. Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn Honhom na ɔma yɛn tumi ma yɛsom no, na hyɛ a yɛde yɛn ho ahyɛ Kristo Yesu mu no nti yenya ahosɛpɛw. Yɛmmfa yɛn ho nto ɔhonam so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛyɛ yɛn, na ɛnyɛ wɔn na agye nokorɛ twetiatwa ato mu. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn Honhom na ɔma yɛn tumi ma yɛsom no. Na hyɛ a yɛde yɛn ho ahyɛ Kristo Yesu mu no enti, yɛanya fawohodie. Yɛmmfa yɛn ho nto honam so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na yɛn twetiatwa no, yɛn na yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filipifo 3:3
32 Iomraidhean Croise  

Momfa ne din kronkron nhyehyɛ mo ho, wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no akoma ntɔ wɔn yam.


AWURADE mu na Israel asefoɔ nyinaa bɛdi bem ahyehyɛ wɔn ho.


Montwitwa mo ho twetia mma AWURADE, na monyi mo akoma momonoto, Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ, anyɛ saa a, m’abufuo bɛfiri sɛ ogya abɛhye a obiara nni hɔ a ɔbɛdum no, mo nneyɛɛ mu bɔne ntira.


Misraimfoɔ, Yudafoɔ, Edomfoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ ne wɔn a wɔtete anwea pradada soɔ na wɔatwitwa wɔn nwi de di awufoɔ nni nyinaa; ɛfiri sɛ amanaman yi nyinaa yɛ momonotofoɔ, na Israel fie nyinaa yɛ akoma mu momonotofoɔ.


Na ɛfiri owiapueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ no me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, na wɔhye aduhwam bɔ afɔdeɛ ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛdeɛ a ɛho teɛ ba; na me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na me danseni ne Onyankopɔn a mesom no me honhom mu, ne Ba no asɛmpa no mu, sɛ mennyae mo din bɔ da, me mpaebɔ mu,


Enti mewɔ Kristo Yesu mu ahohoahoa Nyankopɔn fam nnoɔma mu.


Na afei deɛ, ɛnam sɛ yɛawu ama deɛ ɛkyekyeree yɛn no nti, wɔasane yɛn afiri mmara no ho ma yɛsom honhom foforɔyɛ mu, na ɛnyɛ atwerɛ dadayɛ mu.


Na moannya akoayɛ honhom a mode bɛsuro bio, na mmom moanya abayɛ honhom a ɛno mu na yɛtea mu sɛ: Abba, Agya!


anaa ɔsoro, anaa ebunu, anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi ntete yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no mu.


Na ɛnyɛ sɛ ebia Nyankopɔn asɛm no mu atu. Ɛfiri sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔfiri Israel mu nyinaa na wɔyɛ Israelfoɔ,


Ɛsiane sɛ nnipa bebree hoahoa wɔn ho honam fam nti, me nso mɛhoahoa me ho bi.


Sɛ yɛte ase honhom mu a, momma yɛnnante honhom mu nso.


Na dodoɔ a wɔnam saa kwan yi soɔ no, asomdwoeɛ ne mmɔborɔhunu mmra wɔn ne Israel a ɛyɛ Nyankopɔn dea no so.


na momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefoɔ nyinaa,


Enti montwitwa mo akoma twetia, na monnsene mo kɔn bio.


Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo ne w’asefoɔ akoma a ɛdwoɔ, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ AWURADE wo Nyankopɔn na woanya nkwa.


Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, de kɔma Kristo Yesu mu ahotefoɔ a wɔwɔ Filipi nyinaa ne ahwɛfoɔ ne asomfoɔ:


Ɛnyɛ sɛ me nsa anya aka, anaasɛ manya mawie pɛyɛ dada, na mmom mepem kɔ m’anim ara na me nsa aka, sɛdeɛ Kristo nso nsa aka me no.


Mepem kɔ m’anim sɛ mɛduru botaeɛ no ho, na makɔnya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no mu nkonimboɔ no.


ɔno mu na wɔatwa mo twetia a wɔamfa nsa antwa, na deɛ ɛwɔ honam nipadua mu a wɔyi gu hɔ no, wɔayi no wɔ Kristo twetiatwa mu.


Na mo, adɔfo deɛ, momfa mo ho nsi mo gyidie kronkron no so mmɔ mpaeɛ Honhom Kronkron tumi mu;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan