Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filipifo 2:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 na mmom ɔtoo ne ho mpan faa akoa tebea too ne ho so, danee nnipa nsɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’adeɛ faeɛ no, wɔhunuu no sɛ onipa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 na mmom ɔtoo ne ho mpan faa akoa tebea too ne ho so, danee nnipa nsɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’adeɛ faeɛ no, wɔhunuu no sɛ onipa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔdan ne tumi kɛse ne nʼanuonyam too nkyɛn. Mmom, ofii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so, baa sɛ onipa bɛyɛɛ nʼade sɛ onipa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔdanee ne tumi kɛseɛ ne nʼanimuonyam too nkyɛn. Mmom, ɔfirii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so, baeɛ sɛ onipa bɛyɛɛ nʼadeɛ sɛ onipa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 na mmom ɔpaa ne ho akyi faa akoa tebea too ne ho so dan nnipa sɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’ade fae no, wohuu no sɛ onipa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filipifo 2:7
31 Iomraidhean Croise  

Na me deɛ, meyɛ aboa, na menyɛ onipa, meyɛ nnipa ahohoradeɛ ne ɔman akyiwadeɛ.


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden nie, deɛ mayi no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu ne so; ɔde atemmuo bɛfiri akɔ amanaman mu.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: M’akoa ne wo, Israel a mɛnya wo mu animuonyam.


Ɔbɛhunu ne kra brɛ no ho adeɛ amee. Ne hunu mu na m’akoa teneneeni no bɛnya tenenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumuyɛ nso asoa.


Saa berɛ no akyiri no, wɔbɛtwa deɛ wɔasra no no atwene a ɛrenka no hwee; na ɔberempɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kuro ne kronkronbea no, na n’awieeɛ bɛyɛ nyirisramsoɔ mu, na akodie bɛduru awieeɛ, amamfoyɛ a wɔahyɛ pintinn no.


Tie ɛ, Ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo mfɛfoɔ a wɔtete w’anim no, ɛfiri sɛ wɔyɛ anwanwafoɔ. Na hwɛ, mede m’akoa “Ban” mereba.


Di ahurisie pii, Sion babaa, huro, Yerusalem babaa! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtene, na ɔwɔ nkwagyeɛ; ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumuburuwa a ɔyɛ afunumubereɛ ba so.


Hwɛ, m’abɔfra a mayi no, deɛ medɔ no a me kra ani sɔ no; Mede me Honhom bɛgu ne so, na waka atɛntenenee akyerɛ Amanaman mufoɔ.


sɛdeɛ Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyedeɛ maa nnipa pii ne no.


Na ɔsee wɔn sɛ: Elia ba ansa, na wabɛsiesie nnoɔma nyinaa mmom deɛ, na deɛ wɔatwerɛ no Onipa Ba no ho sɛ ɔbɛhunu amane pii, na wɔabu no animtia no ɛ?


Na hwan na ɔso, deɛ ɔte aduane pono ho anaasɛ deɛ ɔsom? Ɛnyɛ deɛ ɔte aduane pono ho? Na me deɛ, mewɔ mo mu sɛ deɛ ɔsom.


Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.


wɔ ne ba a honam fam wɔwoo no Dawid aseni no ho;


Na Kristo nso ansɔ ne ho ani, na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔn a wɔbɔɔ wo ahohora no ahohora agu me so.


Na mese: Kristo ayɛ twetiatwafoɔ somfoɔ de akyerɛ Nyankopɔn nokorɛ sɛ ɔbɛhyɛ bɔ a wɔahyehyɛ agyanom no mu den;


Na deɛ mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛ nti, Onyankopɔn somaa ɔno ara ne Ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ honam no mu


Na mmerɛyɛ mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu deɛ, nanso ɔnam Nyankopɔn tumi so te ase. Na yɛn nso yɛyɛ mmerɛ wɔ ne mu deɛ, nanso yɛn ne no nam Nyankopɔn tumi so bɛtena ase wɔ mo fam.


Na monim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no, sɛ ɔyɛ ɔdefoɔ deɛ, nanso mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, na monam ne hia no so abɛyɛ adefoɔ.


na ɛberɛ no wiee duro no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbaa woo no maa wɔwoo no mmara ase,


Ɔno na ɔwɔ Nyankopɔn tebea mu deɛ, nanso wannyina so ketee sɛ ɔne Nyankopɔn yɛ pɛ,


nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua amaneɛ, na wammu aniwuo, na wakɔtena Nyankopɔn ahennwa nifa.


Monkae nneduafoɔ, sɛdeɛ mo ne wɔn na ɛda afiase, ne wɔn a wɔhunu amane biara, sɛ mo ara nso moda so wɔ honam mu yi.


Na yɛnni ɔsɔfo panin a ɔnnim yɛn mmerɛyɛ na ɔnni tema mma yɛn, na mmom deɛ wɔasɔ no ahwɛ adeɛ nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso wannyɛ bɔne.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan