Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filipifo 2:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 momma m’anigyeɛ nni mu sɛ mobɛdwene ade korɔ anya ɔdɔ korɔ, anokorɔ, ne adwenkorɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 momma m’anigyeɛ nni mu sɛ mobɛdwene ade korɔ anya ɔdɔ korɔ, anokorɔ, ne adwenkorɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Sɛ ɛte saa de a, ɛno de, munnya adwene koro wɔ ɔdɔ ne Honhom ne botae koro mu, na mʼanigye awie pɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Sɛ ɛte saa deɛ a, ɛnneɛ monnya adwene korɔ wɔ ɔdɔ ne Honhom ne botaeɛ korɔ mu na mʼanigyeɛ awie pɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 momma m’anigye nwie pɛyɛ sɛ mubedwen ade koro anya ɔdɔ koro, ano koro, ne adwenkoro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filipifo 2:2
28 Iomraidhean Croise  

Me nuanom ne me mfɛfoɔ nti mɛka sɛ asomdwoeɛ ntena wo mu.


Deɛ ayeforɔ wɔ no ne ayeforɔkunu; na ayeforɔkunu adamfo a ɔgyina hɔ na ɔtie no deɛ, ɛgyeɛ na n’ani gyeɛ, ayeforɔkunu no nne nti. Ɛno nti afei na me saa anigyeɛ yi awie pɛyɛ.


Na yeinom nyinaa de akoma korɔ kura mpaebɔ mu ara, wɔne mmaa no ne Maria, Yesu ne na ne ne nuanom.


Na Pentekoste da no duruiɛ no, na wɔn nyinaa ahyia faako.


Na daa wɔde akoma korɔ hyiaa mu wɔ asɔrefie, na wɔbubuu paanoo afie mu de ahosan ne akoma kronn dii wɔn aduane,


Na wɔnam asomafoɔ no nsa so yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ pii ɔman no mu. Na wɔn nyinaa de akoma korɔ wɔ Salomo abrannaa so.


Mo nyinaa nnya adwenkorɔ; mommmoma mo ho so, na mmom momma ahobrɛasedeɛ mfa mo! Mommmu mo ho anyansafoɔ!


Na anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so metu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ anokorɔ, na mpaepaemu amma mo mu, na mmom moabɔ mu awie pɛyɛ adwene korɔ ne nsusuiɛ korɔ mu.


Afei awieeɛ, anuanom, makra mo. Monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, monnya adwene korɔ, montena asomdwoeɛ mu, na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Nyankopɔn bɛdi mo akyi.


Na metwerɛɛ ade korɔ yi ara, na sɛ menya meba a, wɔn a ɛsɛ sɛ wɔgye m’ani no anho me werɛ; ɛfiri sɛ mewɔ mo mu awerɛhyɛmu sɛ m’anigyeɛ yɛ mo nyinaa dea.


Na ɛnyɛ ne ba no nko ara, na mmom awerɛkyekyerɛ nso a ɔnyaa no mo ho berɛ a ɔkaa mo anigyina wɔ yɛn ho, mo awerɛhodie, me ho mmɔden a mobɔ a ɛmaa m’ani gyee pii kyerɛɛ yɛn no.


Nso daa, me mpaebɔ nyinaa mu, mede anigyeɛ mesrɛ mema mo nyinaa,


sɛ mokura nkwa asɛm no mu yie, sɛdeɛ Kristo da no, mahoahoa me ho sɛ ammirika a metuiɛ no anyɛ hunu, na me brɛ adwuma nso anyɛ ɔkwa.


Na menni obi a ɔne m’adwene sɛ, te sɛ ɔno a mo ho asɛm hia no no;


Metu Euodia fo, na metu Sintike nso fo sɛ wɔnya adwene korɔ Awurade mu.


Na sɛ menni hɔ wɔ honam mu mpo a, me ne mo wɔ hɔ honhom mu, na m’ani gye sɛ mehunu mo kwan a mogyina soɔ ne mo gyidie a ɛkɔ Kristo mu tim a atim no.


Na yɛn deɛ, mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, anuanom a Awurade dɔ mo, ɛfiri sɛ Onyankopɔn firi mfitiaseɛ ayi mo kɔ nkwagyeɛ mu, honhom ahoteɛ ne nokorɛ gyidie mu.


na mekae wo nisuo a, ɛma m’ani gyina sɛ mɛhu woɔ, na anigyeɛ ayɛ me ma,


Aane, onua, ma mennya wo ho biribi a ɛyɛ, Awurade mu, na ma m’akomam ntɔ me yam wɔ Kristo mu.


M’ani agye kɛse, sɛ mahunu wo mma no mu bi sɛ wɔnam nokorɛ mu, sɛdeɛ yɛanya ahyɛdeɛ firi Agya no nkyɛn no.


Menni anigyeɛ a ɛsene yei, sɛ mete sɛ me mma nam nokorɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan