Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filipifo 2:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 sɛ mokura nkwa asɛm no mu yie, sɛdeɛ Kristo da no, mahoahoa me ho sɛ ammirika a metuiɛ no anyɛ hunu, na me brɛ adwuma nso anyɛ ɔkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 sɛ mokura nkwa asɛm no mu yie, sɛdeɛ Kristo da no, mahoahoa me ho sɛ ammirika a metuiɛ no anyɛ hunu, na me brɛ adwuma nso anyɛ ɔkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 wɔ nkwa no ho asɛm a moka kyerɛ wɔn no mu. Sɛ moyɛ saa na Kristo da no mede mo hoahoa me ho a, na ne kwan so ara ne no; efisɛ ɛbɛda no adi sɛ dwuma a mibedii no anyɛ ɔkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 wɔ nkwa no ho asɛm a moka kyerɛ wɔn no mu. Sɛ moyɛ saa, na Kristo Ɛda no mede mo hoahoa me ho a, na ne kwan so ara ne no, ɛfiri sɛ, ɛbɛda no adi sɛ dwuma a mebɛdiiɛ no anyɛ kwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 sɛ mukura nkwa asɛm no mu yiye, sɛnea Kristo da no mahoahoa me ho sɛ ammirika a mitui anyɛ hunu, na me brɛ adwuma nso anyɛ ɔkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filipifo 2:16
24 Iomraidhean Croise  

Maka tenenee ho asɛmpa asafo kɛseɛ mu, hwɛ, meremmua m’ano, AWURADE, wonim.


Onyankopɔn, wo na wofiri me mmɔfraase kyerɛkyerɛɛ me, na maka w’anwanwadeɛ no mabɛduru sɛsɛɛ.


Na me deɛ, mekaa sɛ: Mabrɛ magu, masɛe m’ahoɔden ama adehunu ne ahuhudeɛ, nanso m’atemmuo wɔ AWURADE nkyɛn, na m’adwuma so adeɛ wɔ me Nyankopɔn nsam.


Deɛ meka mekyerɛ mo esum mu no, monka no hann mu, na deɛ mote no mo aso mu no, mompae mu nka no adan atifi.


Nso mese mo sɛ: Obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, Onipa Ba no nso bɛbɔ ne din Nyankopɔn abɔfoɔ anim.


Honhom ne deɛ ɛma nkwa, ɔhonam deɛ, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa.


Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkorɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm;


Anuanom, Abraham asefoɔ ne mo mu nnipa a mosuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagyeɛ asɛm yi abrɛ yɛn.


ɔno ara nso na ɔbɛhyɛ mo den akɔsi awieeɛ, na mo ho amma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo da no.


Saa nti, me deɛ, ammirika a metuo yi, mentu no asunsumabo, kuturukuo a mebɔ yi, memmɔ no sɛ deɛ ɔreboro mframa,


sɛdeɛ mo nso moate yɛn aseɛ fa-ne-fa, sɛ yɛyɛ mo ahohoahoa, sɛdeɛ mo nso moyɛ yɛn deɛ, yɛn Awurade Yesu da no.


Na menam adiyie so na mekɔeɛ, na mede asɛmpa a meka no amanaman mu no metoo wɔn anim, (ɛne wɔn a wɔwɔ din no anim kɔkoam), na ammirika a metuo anaa metuiɛ no anyɛ kwa.


Mesuro wɔ mo ho sɛ ebia maha me ho mama mo kwa.


na moasɔ nnoɔma a ɛyɛ koraa no ahwɛ, na moayɛ korɔgyenn ne nnipa a suntiduatoɔ nni wɔn mu de akɔsi Kristo da no,


na mewɔ yei ara ho ahotosoɔ sɛ deɛ wafiri adwuma pa ase wɔ mo mu no bɛwie akɔsi Yesu Kristo da no.


Na hwan ne yɛn anidasoɔ anaa anigyeɛ anaa ahohoahoa abotire yɛn Awurade Yesu Kristo anim wɔ ne ba mu, mo nso monni mu bi anaa?


Yei nti me nso, mesɔ mu a na ɛnsɔ bio no, mesomae, na mahunu mo gyidie mu, na amma sɛ ebia ɔsɔhwɛfoɔ no asɔ mo ahwɛ, ama yɛn mmɔdemmɔ adwuma no ayɛ ɔkwa.


Na Nyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sene nkrantɛ anofanu biara, na ɛhwire mu kɔduru sɛ ɛpaepae ɔkra ne honhom, akwaa ne ekyim mu, na ɛyɛ akoma nsusuiɛ ne adwene temmufoɔ.


Na wɔamfiri aba a ɛporɔ mu, na mmom wɔfiri deɛ ɛmporɔ mu, ɛne sɛ wɔnam Nyankopɔn asɛm a ɛte aseɛ na ɛbɛtena hɔ no so awo wɔn foforɔ.


Deɛ ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ, deɛ yɛateɛ, deɛ yɛde yɛn ani ahunu, deɛ yɛhwɛeɛ na yɛde yɛn nsa kaeɛ, wɔ nkwa asɛm no ho,


Na honhom no ne ayeforɔ no se: Bra! Na deɛ ɔtie no nka sɛ: Bra! Na deɛ sukɔm de no mmra, na deɛ ɔpɛ no mmɛgye nkwa nsuo no kwa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan