Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filipifo 2:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 na tɛkyerɛma nyinaa mpae mu nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade nhyɛ Agya Nyankopɔn animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 na tɛkyerɛma nyinaa mpae mu nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade nhyɛ Agya Nyankopɔn animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka se, Yesu Kristo ne Awurade, de ahyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka sɛ, Yesu Kristo ne Awurade, de ahyɛ Agya Onyankopɔn animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na tɛkrɛma nyinaa mpaemu nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade nhyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filipifo 2:11
30 Iomraidhean Croise  

AWURADE asɛm a ɔse me wura nie: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.


Enti, AWURADE, mɛda wo ase amanaman mu, na mabɔ wo din mato ayeyie nnwom,


Ne berɛ so na wɔbɛgye Yuda nkwa, na Israel atena ase dwoodwoo, na yei ne ne din a wɔde bɛfrɛ no: AWURADE yɛn tenenee.


Enti obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din m’agya a ɔwɔ soro no anim;


sɛ nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo, Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom.


Na mpanimfoɔ no mu pii nso gyee no diiɛ; nanso Farisifoɔ no nti wɔanka, na wɔantu wɔn amfiri hyiadan mu;


Mo deɛ, mofrɛ me Kyerɛkyerɛfoɔ ne Awurade, na moka nokorɛ, na meyɛ.


Afei sɛ me, Awurade ne Kyerɛkyerɛfoɔ no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro mo ho mo ho nan ho.


Na biribiara a mobɛsrɛ no me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na Agya no anya animuonyam, Ɔba no mu.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, ɔbɛdi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn.


Yeinom na Yesu kaeɛ, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ soro, na ɔkaa sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba animuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo animuonyam,


Toma bua see no sɛ: M’Awurade ne me Nyankopɔn!


sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Deɛ ɔnni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.


N’awofoɔ kaa yei, ɛfiri sɛ na wɔsuro Yudafoɔ no; na Yudafoɔ no apam dada sɛ, sɛ obi pae mu ka sɛ ɔno ne Kristo no a, wɔbɛtu no afiri hyiadan mu.


Sɛdeɛ asɛm a ɔde brɛɛ Israel mma berɛ a ɔnam Yesu Kristo so kaa asomdwoeɛ ho asɛmpa no teɛ no; ɔno ne nnipa nyinaa wura.


Enti ma Israel fie nyinaa nhunu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛnee no no ayɛ Awurade ne Kristo.


Na wɔatwerɛ sɛ: Awurade se: Sɛ mete ase yi, me na nkotodwe nyinaa bɛkoto me, na tɛkyerɛma nyinaa bɛbɔ Nyankopɔn din.


Na yei nti na Kristo wuiɛ na ɔsɔreeɛ na ɔnyaa nkwa, sɛ ɔbɛyɛ awufoɔ ne ateasefoɔ wura.


na Nyankopɔn mmɔborɔhunu nti amanaman mufoɔ ahyɛ no animuonyam, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Yei nti mɛkamfo wo amanaman mu, na mato dwom ama wo din.


Enti merema mo ahunu sɛ, obiara a ɔnam Nyankopɔn honhom mu kasa no mfrɛ Yesu abusudeɛ; na obiara ntumi mfrɛ Yesu Awurade, gye sɛ Honhom Kronkron so.


Onipa a ɔdi kan no firi fam yɛ famni. Onipa a ɔtɔ so mmienu no firi soro.


yɛn deɛ, Onyankopɔn baako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nnoɔma nyinaa firi ne mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade baako, Yesu Kristo a wɔnam ne so yɛ nnoɔma nyinaa, na yɛn nso yɛnam ne so wɔ hɔ no.


a monam ne so gye Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔhyɛɛ no animuonyam no die no, na mo gyidie ne anidasoɔ atena Nyankopɔn mu.


Obiara a ɔpae mu ka sɛ Yesu ne Nyankopɔn Ba no, Onyankopɔn te ne mu, na ɔno nso te Nyankopɔn mu.


Yei mu na monhunu Nyankopɔn honhom. Honhom biara a ɔpae mu ka sɛ Yesu Kristo aba honam mu no firi Nyankopɔn mu.


Na nnaadaafoɔ bebree aba wiase a wɔmpae mu nka sɛ Yesu Kristo aba honam mu. Yeinom ne ɔdaadaafoɔ ne antikristo no.


Deɛ ɔdi nkonim no na wɔbɛhyɛ no atadeɛ fitaa saa, na merempepa ne din mfiri nkwa nwoma no mu, na mɛbɔ ne din m’Agya ne n’abɔfoɔ anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan