Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filipifo 1:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 ama me mpokyerɛ abɛda adi Kristo mu, amrado aban mufoɔ nyinaa ne wɔn a aka no nyinaa mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 ama me mpokyerɛ abɛda adi Kristo mu, amrado aban mufoɔ nyinaa ne wɔn a aka no nyinaa mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Ɛno nti awɛmfo a wɔwɔ ahemfi ha ne afoforo a wɔka wɔn ho no nyinaa nim sɛ, esiane sɛ meyɛ Kristo somfo no nti na meda afiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Ɛno enti, awɛmfoɔ a wɔwɔ ahemfie ha ne afoforɔ a wɔka wɔn ho no nyinaa nim sɛ, ɛsiane sɛ meyɛ Kristo ɔsomfoɔ no enti na meda afiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 ama me mpokyerɛ abɛda adi Kristo mu, amrado aban mufo nyinaa ne wɔn a aka no nyinaa mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filipifo 1:13
17 Iomraidhean Croise  

Na Paulo se: Anka mepɛ Nyankopɔn fam sɛ, kakraa bi oo, bebree oo, ɛnyɛ wo nko, na mmom wɔn a wɔretie me nnɛ yi nyinaa nso nyɛ sɛ me ara, gye mpokyerɛ yi nko mu.


na wɔkɔɔ nkyɛn baabi no, wɔsesee wɔn ho sɛ: Onipa yi nyɛɛ biribi a ɛsɛ wuo anaa ɛkyerɛ.


Na ɛbaa sɛ nnansa akyiri no, Paulo frɛfrɛɛ Yudafoɔ atitire no hyiae; na wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, manyɛ biribi mantia ɔman anaa yɛn agyanom amanneɛ deɛ, nanso wɔkyeree me Yerusalem de me hyɛɛ Romafoɔ nsa.


Afei yei nti na mefrɛɛ mo, sɛ mɛhu mo, na makasa makyerɛ mo; ɛfiri sɛ Israel anidasoɔ nti na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn yi agu me yi.


Na mfeɛ mmienu kusuu na ɔde tenaa ɔno ara ne fie a ɔtua ka no mu, na ɔgyee wɔn a wɔbaa ne nkyɛn nyinaa


Yei nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufoɔ,


Enti afei me, Awurade deduani, metu mo fo sɛ monnante sɛdeɛ ɛfata frɛ a wɔde afrɛ mo,


Ɛno ho bɔfoɔ na meyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na mayɛ mu nnam, sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mekasa.


ɛfiri sɛ, mowɔ akodie korɔ no ara a mohunuu no me mu no, na afei nso moda so ara te sɛ mewɔ mu no.


Ɛyɛ ma me sɛ medwene saa fa mo ho, ɛfiri sɛ moda m’akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Nyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne ɛberɛ a megyinaa pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.


Ahotefoɔ no nyinaa kyeakyea mo, ne titire no, wɔn a wɔfiri Kaesare fie.


Ɛno mu na mehunu amane bɛduru ɔkyerɛ mu sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ, nanso Nyankopɔn asɛm deɛ, wɔnkyeree no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan