Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filemon 1:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Me nua, mewɔ wo dɔ ho anigyeɛ ne awerɛkyekyerɛ bebree, sɛ woama ahotefoɔ akoma atɔ wɔn yam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Me nua, mewɔ wo dɔ ho anigyeɛ ne awerɛkyekyerɛ bebree, sɛ woama ahotefoɔ akoma atɔ wɔn yam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Onua pa, wo dɔ no ama me anigye na ahyɛ me nkuran nso. Woakanyan Onyankopɔn nkurɔfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Onua pa, wo dɔ no ama me anigyeɛ na ahyɛ me nkuran nso. Woakanyane Onyankopɔn nkurɔfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Me nua, mewɔ wo dɔ ho anigye ne awerɛkyekye bebree, sɛ woama ahotefo no akoma atɔ wɔn yam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filemon 1:7
11 Iomraidhean Croise  

na wɔama me honhom ne mo deɛ ahome. Enti monni wɔn a wɔte saa no ni yie.


Yei nti yɛn werɛ akyekye. Na yɛn awerɛkyekyerɛ yi mu yɛn ani gye boroo so, ɛnam Tito anigyeɛ no nti, ɛfiri sɛ mo nyinaa momaa ne honhom nyaa ahotɔ.


Mewɔ akokoɔduro kɛseɛ wɔ mo ho, mewɔ mo ho ahohoahoa pii; awerɛkyekyerɛ ahyɛ me ma, na m’anigyeɛ aboro so pii yɛn ahohia nyinaa mu.


na daa yɛkae mo gyidie adwuma ne mo dɔ mmɔdemmɔ ne yɛn Awurade Yesu Kristo ho anidasoɔ mu boasetɔ, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim.


Yei nti nso yɛda Onyankopɔn ase daa, ɛfiri sɛ monyaa Nyankopɔn asɛm no firii yɛn nkyɛn no, mogyee, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Nyankopɔn asɛm, sɛdeɛ ɛteɛ ampa, ɛno nso na ɛyɛ mo a mogye die no mu adwuma kɛse.


Na hwan ne yɛn anidasoɔ anaa anigyeɛ anaa ahohoahoa abotire yɛn Awurade Yesu Kristo anim wɔ ne ba mu, mo nso monni mu bi anaa?


Na aseda bɛn na yɛbɛtumi ada Onyankopɔn wɔ mo ho, anigyeɛ nyinaa a mo nti yɛn ani agye yɛn Nyankopɔn anim no ho?


Awurade nhunu Onesiforo fie mmɔbɔ, ɛfiri sɛ ɔmaa me ho dwoo me, na n’ani anwu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ho.


Aane, onua, ma mennya wo ho biribi a ɛyɛ, Awurade mu, na ma m’akomam ntɔ me yam wɔ Kristo mu.


M’ani agye kɛse, sɛ mahunu wo mma no mu bi sɛ wɔnam nokorɛ mu, sɛdeɛ yɛanya ahyɛdeɛ firi Agya no nkyɛn no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan