Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filemon 1:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na mebɔ mpaeɛ sɛ nnepa pa nyinaa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidie adɔeɛ nnwuma no ada adi kɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na mebɔ mpaeɛ sɛ nnepa pa nyinaa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidie adɔeɛ nnwuma no ada adi kɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Sɛnea wo ne afoforo kura gyidi koro mu no, mebɔ mpae sɛ wɔn nso behu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Mebɔ mpaeɛ sɛ wobɛkɔ so abɔ wo gyidie no ho dawuro akyerɛ afoforɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛhunu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na mebɔ mpae sɛ nnepa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidi adɔe nnwuma no ada adi kɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filemon 1:6
18 Iomraidhean Croise  

Na ntɛm ara deɛ ɔnyaa talente nnum no kɔe, de kɔyɛɛ adwuma na ɔnyaa ho talente nnum.


Ne saa nti, momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahunu mo nneyɛɛ pa, na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no animuonyam.


na n’akoma mu ahuntasɛm ada adi, na ɔde saa akoto, de n’anim abutu fam, asɔre Onyankopɔn, aka sɛ Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.


ɛfiri sɛ wɔabue ɛpono kɛseɛ a emu adwumayɛ bɛso aba ama me, na wɔn a wɔasɔre atia dɔɔso.


Afei deɛ ɛdi akyire, anuanom, deɛ ɛyɛ nokorɛ, deɛ anim yɛ duro, deɛ ɛtene, deɛ ɛho teɛ, deɛ ɛyɛ ahomeka, deɛ ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyie bi wɔ hɔ a, saa nnoɔma yi ho na monnwene;


Yei nti yɛn nso, ɛfiri da a yɛteeɛ no, yɛnnyaee mo tiri so mpaebɔ ne nkotosrɛ, sɛ ne pɛ mu nimdeɛ nhyɛ mo ma, honhom nyansa ne nteaseɛ nyinaa mu,


na moahyɛ onipa foforɔ a wɔayɛ no foforɔ aba nimdeɛ mapa mu a ɛgyina deɛ ɔbɔɔ no no suban soɔ;


Na ma yɛn nkurɔfoɔ no nsua nnwuma pa ho mmɔdemmɔ nso mfa mmoa wɔn a ɛhia wɔn, na aba pa ammɔ wɔn.


Ɛfiri sɛ Onyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene, a ne werɛ bɛfiri mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔɔ no ne din mu, sɛ mosomm ahotefoɔ na moda so som wɔn.


Me nuanom, sɛ obi ka sɛ ɔwɔ gyidie, nanso ɔnni nnwuma a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ mu? Gyidie bɛtumi agye no anaa?


Sɛ gyidie nso teɛ ne no. Sɛ ɛnni nnwuma a, na awu wɔ ne nko ara fam.


na mommɔ bra pa amanaman mu, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfoɔ no, wɔhwɛ mo nneyɛɛ pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn animuonyam, “nsra da” no.


Saa ara na mo, ɛyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ara mo kununom, na sɛ ebinom antie asɛm no nso a, wɔafa ɛyerenom abrabɔ a asɛm nni ho so anya wɔn,


ɔdwoɔ ne suro mu, na monnya ahonim pa, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu no, wɔn a wɔgu mo abrabɔ pa a ɛwɔ Kristo mu no ho fi no ani awu.


Na sɛ yeinom wɔ mo mu na ɛdɔɔso a, ɛremma monyɛ anihafoɔ ne wɔn a wɔnso aba, yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ fam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan