Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filemon 1:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom deɛ ɔsene akoa, sɛ onua dɔfo a ɔyɛ ma me titire, na kampɛsɛ wo, honam ne Awurade fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom deɛ ɔsene akoa, sɛ onua dɔfo a ɔyɛ ma me titire, na kampɛsɛ wo, honam ne Awurade fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Mprempren ɔnyɛ ɔsomfo kɛkɛ efisɛ ɔkyɛn ɔsomfo. Ɔyɛ onua pa wɔ Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo sɛ ɔsomfo ne onua wɔ Awurade mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Seesei ɔnyɛ ɔsomfoɔ kɛkɛ ɛfiri sɛ, ɔkyɛn ɔsomfoɔ. Ɔyɛ onua pa wɔ Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo sɛ ɔsomfoɔ ne onua wɔ Awurade mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom nea ɔsen akoa, sɛ onua dɔfo a oye ma me titiriw, na menne sɛ wo, ɔhonam ne Awurade fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filemon 1:16
10 Iomraidhean Croise  

Na mo deɛ, wɔmmfrɛ mo Rabi; na ɔbaako ne mo kyerɛkyerɛfoɔ, na mo nyinaa yɛ anuanom.


Na Anania kɔ kɔhyɛnee ɔdan no mu, na ɔde ne nsa kɔguu ne so kaa sɛ: Onua Saulo, Awurade Yesu a ɔyii ne ho kyerɛɛ wo kwan a wonam so reba ha no, wasoma me sɛ hunu adeɛ, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.


Na deɛ wɔafrɛ no Awurade mu, na ɔyɛ akoa no yɛ Awurade dehyeɛ; saa ara na ɔdehyeɛ nso a wɔafrɛ Kristo mu no yɛ Kristo akoa.


Nkoa, montie mo honam fam wuranom asɛm nnoɔma nyinaa mu, ɛnyɛ anisoɔ som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom akoma kronn mu, sɛ wɔn a wɔsuro Awurade.


Na mma wɔn a wɔwɔ awuranom gyidifoɔ mmmu wɔn animtia sɛ wɔyɛ anuanom, na mmom wɔnsom wɔn yie, ɛfiri sɛ wɔn a wɔsom wɔn no yɛ agyidifoɔ ne adɔfoɔ. Yeinom na kyerɛkyerɛ, na tu ho foɔ.


Ɛno nti, anuanom akronkronfoɔ a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yɛgyina so ka no ho Ɔsomafoɔ ne Ɔsɔfo Panin Yesu


Obiara a ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na wawo no; na obiara a ɔdɔ ɔwofoɔ no, ɔdɔ deɛ ɔwoo no no nso.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan