Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 9:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na Mordekai yɛ onipa kɛseɛ ɔhene no fie, na ne nka hyetaa nsase no nyinaa so, na ɔbarima Mordekai no kɔɔ so ara yɛɛ kɛseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Mordekai yɛ onipa kɛseɛ ɔhene no fie, na ne nka hyetaa nsase no nyinaa so, na ɔbarima Mordekai no kɔɔ so ara yɛɛ kɛseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Efisɛ na wɔama Mordekai panyin wɔ ahemfi hɔ, ama ne din ahyeta amantam no nyinaa mu, bere a na ne tumi nso rekɔ soro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛfiri sɛ na wama Mordekai panin wɔ ahemfie hɔ, ama ne din ahyeta amantam no nyinaa so wɔ ɛberɛ a na ne tumi nso rekɔ soro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Mordekai yɛ onipa kɛse ɔhene no fi, na ne nka hyetaa nsase no nyinaa so, na ɔbarima Mordekai no kɔɔ so yɛɛ kɛse ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 9:4
14 Iomraidhean Croise  

Na akodie daa Saulo fie ne Dawid fie ntam kyɛreeɛ. Na Dawid deɛ, ɔkɔɔ so yɛɛ den ara, nanso Saulo fie deɛ, wɔkɔɔ so hodwoe ara.


Na Dawid kɔɔ so ara yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ Asafo AWURADE dii n’akyi.


Na Dawid din hyetae nsase no nyinaa so, na AWURADE maa ne ho hu tɔɔ amanaman no nyinaa so.


Na ne tumi ne ne mmaninyɛ nneyɛɛ ne Mordekai kɛseɛ a ɔhene no maa no yɛeɛ no ho nsɛm no, wɔantwerɛ no Media ne Persia Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?


Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛso n’aba ne berɛ mu, na n’ahahan mpo, na deɛ ɔyɛ nyinaa bɛwie yie.


Woyii me nnipa aperedie mu, wode me sii amanaman so ti, ɔman a mennim wɔn na ɛsom me.


Wɔn a wɔatɛ wɔn AWURADE fie no bɛfefɛ yɛn Nyankopɔn abannwa so.


Na AWURADE maa ɔman no anim baa nyam wɔ Misraimfoɔ anim; nso ɔbarima Mose no yɛ kɛseɛ pa wɔ Misraim asase no so wɔ Farao nkoa ne ɔman no anim.


Na ateneneefoɔ kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kɔduru awia ketee.


Na n’ahennie mu bɛtrɛ, na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ aba, Dawid ahennwa so ne n’ahennie so, na ɔde atemmuo ne tenenee awowa no ma atim firi sɛsɛɛ de akɔsi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ yei.


Hwɛ, me ne w’ahafoɔ nyinaa bɛdi, ɛberɛ no mu, na mɛgye asiiɛfoɔ no, na matase wɔn a wɔapam wɔn no; mɛma wɔanya animuonyam ne din wɔ asase a wɔn anim agu ase nyinaa so.


Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa, a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ akuta wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ, wɔn a wɔyare ɛtwirɛ ne wɔn a wɔyare mmubuo brɛɛ no na ɔsaa wɔn yadeɛ.


Na AWURADE dii Yosua akyi, na wɔtee ne nka asase no nyinaa so.


Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka nie: Mekae ampa sɛ: Wo fie ne w’agya fie nnante m’anim daa; nanso afei, deɛ AWURADE seɛ nie: Ɛmpare me koraa; na wɔn a wɔdi me ni no, mɛdi wɔn ni, na wɔn a wɔbu me animtia no bɛbɔ ahohora.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan