Ester 9:3 - New Revised Asante Twi Bible3 Na nsase no so mmapɔmma ne amradofoɔ akɛseɛ ne nkumaa ne wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nyinaa boaa Yudafoɔ no, ɛfiri sɛ na Mordekai ho hu aka wɔn. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron3 Na nsase no so mmapɔmma ne amradofoɔ akɛseɛ ne nkumaa ne wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nyinaa boaa Yudafoɔ no, ɛfiri sɛ na Mordekai ho hu aka wɔn. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm3 Esiane Mordekai ho hu nti, amantam so asafohene nyinaa, mmapɔmma, amradofo ne ɔhene adwumayɛfo nyinaa boaa Yudafo no. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm3 Esiane Mordekai ho hu enti, amantam so asafohene nyinaa, mmapɔmma, amradofoɔ ne ɔhene adwumayɛfoɔ nyinaa boaa Yudafoɔ no. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON3 Na nsase no so mmapɔmma ne amradofo akɛse ne nkumaa ne wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nyinaa boaa Yudafo no, efisɛ Mordekai ho hu aka wɔn. Faic an caibideil |
Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no atwerɛfoɔ bosome a ɛdi kan, da ɛtɔ so dummiɛnsa soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Haman hyɛeɛ nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofoɔ ne amantam no mmaako mmaako so ahwɛfoɔ ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛdeɛ ne ntwerɛeɛ teɛ, ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ. Wɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔɔ ano.
Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ berɛ no mu, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne bosome Siwan no da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Mordekai hyɛeɛ no nyinaa kɔmaa Yudafoɔ no ne amradofoɔ akɛseɛ ne nketewa no, ne nsase no so mmapɔmma no, de firi India kɔsi Etiopia, nsase ahodoɔ ɔha aduonu nson, asase biara sɛdeɛ n’atwerɛ teɛ ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ, ne Yudafoɔ nso sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn kasa teɛ.