Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 9:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Yudafoɔ no maa no timii, na wɔde too wɔn ho ne wɔn asefoɔ ne wɔn a wɔde wɔn ho bɛbataa wɔn ho nyinaa so, sɛ wɔmmma nna yi mmienu nntwa mu a wɔrenni no sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn berɛ a wɔahyɛ no daa afe nyinaa no teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

27 Yudafoɔ no maa no timii, na wɔde too wɔn ho ne wɔn asefoɔ ne wɔn a wɔde wɔn ho bɛbataa wɔn ho nyinaa so, sɛ wɔmmma nna yi mmienu nntwa mu a wɔrenni no sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn berɛ a wɔahyɛ no daa afe nyinaa no teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Yudafo a wɔwɔ ahemman no mu no nyinaa penee so sɛ, wɔbɛhyɛ saa amanne no ho fa, na wɔama wɔn awo ntoatoaso ne wɔn a wɔbɛyɛ Yudafo no nyinaa abɛhyɛ bi. Wɔn nyinaa gye too mu sɛ, saa nnaanu a wɔayi ato hɔ sɛ wɔnhyɛ fa no wɔ afe biara mu no, wɔremma ɛmpa wɔn ti so da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Yudafoɔ a wɔwɔ ahemman no mu no nyinaa penee so sɛ, wɔbɛhyɛ saa amanneɛ no ho fa, na wɔama wɔn awoɔ ntoatoasoɔ ne wɔn a wɔbɛyɛ Yudafoɔ no nyinaa abɛhyɛ bi. Wɔn nyinaa gye too mu sɛ, saa nnanu a wɔayi ato hɔ sɛ wɔnhyɛ fa no afe biara mu no, wɔremma ɛmmpa wɔn tiri so da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

27 Yudafo no ma etimii, na wɔde too wɔn ho ne wɔn asefo ne wɔn a wɔde wɔn ho bɛbata wɔn ho nyinaa so, sɛ wɔmmma nna abien yi di nntwa wɔn ti so, sɛnea wɔakyerɛw no, ne bere a wɔahyɛ no te, daa afehyia biara mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 9:27
18 Iomraidhean Croise  

Na asase biara ne kuro biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu soɔ no, anigyeɛ ne ahosɛpɛ baa hɔ maa Yudafoɔ no, apontoɔ ne dapadie mu. Na asase no so amanaman no mu nnipa bebree danedanee wɔn ho Yudafoɔ, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no ho hu aka wɔn.


Na Mordekai twerɛɛ nsɛm yi, na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔmaa Yudafoɔ a wɔwɔ Ɔhene Akas-weros nsase nyinaa soɔ no nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no,


sɛ wɔmma yei ntim wɔn tirim sɛ wɔbɛdi bosome Adar da a ɛtɔ so dunan, ne ne da a ɛtɔ so dunum no daa afe,


Na wɔnkae nna yi, na wɔnni no awoɔ ntoatoasoɔ, mmusua, nsase ne nkuro nyinaa so, na Purim nna yi nntwa Yudafoɔ no tiri so, na ne nkaeɛ nso to nntwa wɔn asefoɔ mu.


sɛ wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn so, na wɔn werɛ mmfiri Nyankopɔn nneyɛɛ, na wɔnni ne mmara nsɛm so.


Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so: Na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.


Na ɔnanani a ɔde ne ho abɛbata AWURADE ho no, mma no nnka sɛ: Tuo na AWURADE bɛtu me afiri ne man mu; na mma ayitotoni nso nnka sɛ: Hwɛ, me deɛ, meyɛ duawuiɛ.


Na ananafoɔ a wɔabɛbata AWURADE ho sɛ wɔresom no, na wɔadɔ AWURADE din, na wɔabɛyɛ no nkoa no, obiara a ɔdi homeda a ɔngu ho fi, ne wɔn a wɔkura n’apam mu no,


Na sɛ mede wo nuammaanom a wɔsene wo panin ka wo nuammaanom a wɔyɛ w’akyiri mma no ho de wɔn meyɛ wo mmammaa a ɛnnyina m’apam no so a, ɛno na wobɛkae w’akwan na w’ani awu.


Na amanaman bebree de wɔn ho bɛba abɛbɔ AWURADE ho ɛda no, na wɔayɛ me ɔman; na mɛtena wo mu, na wobɛhunu sɛ asafo AWURADE na asoma me wo nkyɛn.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nna no mu na mmarima du a wɔfiri amanaman kasa nyinaa mu bɛsosɔ Yudani baako atadeɛ mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛteɛ.


Ɔman asafo no, ahyɛdeɛ baako na ɛnna hɔ mma mo ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no; ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu: Sɛdeɛ moteɛ no, saa nso na ɔhɔhoɔ nyɛ AWURADE anim.


ɛnyɛ yɛn nananom na AWURADE ne wɔn pam apam yi, na ɛyɛ yɛn a ɛnnɛ yɛn nyinaa tete aseɛ yi ara.


Na Yosua ne wɔn dii no asomdwoeɛ mu, na ɔne wɔn yɛɛ apam sɛ wɔbɛma wɔatena ase; na asafo no mu mmapɔmma kekaa wɔn ntam.


Daa afirinhyia Israel mmammaa kɔ kɔkamfo Gileadni Yefta babaa no afe mu nnanan.


Na ɛfiri da no ara de rekorɔ no, ɔde too hɔ yɛɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ maa Israel de bɛsi nnɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan