Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 9:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 na Ester baa ɔhene anim no, ɔkaa no nwoma no mu, sɛ Haman adwemmɔne a ɔdwenee no Yudafoɔ ho no nsane mmɛbua n’atifi, na wɔnsɛne no ne ne mma dua no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 na Ester baa ɔhene anim no, ɔkaa no nwoma no mu, sɛ Haman adwemmɔne a ɔdwenee no Yudafoɔ ho no nsane mmɛbua n’atifi, na wɔnsɛne no ne ne mma dua no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Nanso Ɛster baa ɔhene anim no, ɔhyɛɛ mmara, nam so maa Haman adwemmɔne no bɔɔ ne ti so, na wɔsɛn no ne ne mmabarima wɔ nnua so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Nanso, Ɛster baa ɔhene anim no, ɔhyɛɛ mmara, nam so maa Haman adwemmɔne no bɔɔ ne tiri so, na wɔsɛnee no ne mmammarima wɔ dua no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 na Ester baa ɔhene anim no, ɔkae nhoma no mu, sɛ n’adwemmɔne a odwen Yudafo no ho no nsan mmebua n’atifi na wɔnsɛn no ne ne mma dua no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 9:25
19 Iomraidhean Croise  

ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na yɛ, na bu wo nkoa atɛn, sɛ wobɛbu ɔbɔnefoɔ fɔ ama ne kwan abua n’atifi, na woabu ɔteneneeni bem ama no sɛdeɛ ne tenenee teɛ.


Nanso wampɛ sɛ ɔde ne nsa bɛka Mordekai nko ara, ɛfiri sɛ na wɔakyerɛ no deɛ Mordekai fire, na Haman hwehwɛɛ sɛ ɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ Akas-weros ahennie nyinaa mu a wɔyɛ Mordekai nkurɔfoɔ no nyinaa.


Na wɔsɛnee Haman dua a wasiesie ama Mordekai no so. Na ɔhene abufuo ano dwoe.


na wɔatɔn yɛn, me ne me man, sɛ wɔnsɛe yɛn nkunkum yɛn nnwerɛ yɛn. Na sɛ wɔretontɔn yɛn ayɛ nkoa ne mfenaa a, anka mɛyɛ komm, nanso ɔtamfoɔ no ntumi nhyɛ ɔhene adeɛ a ɛbɛsɛeɛ no ananmu.


Ɛnna Ɔhene Akas-weros bisaa Ɔhemmaa Ester sɛ: Hwan ne no na ɛhe na ɔwɔ, na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ saa no?


AWURADE, mma ɔbɔnefoɔ deɛ ɔpɛ, mma n’agyina no nnkɔ so, na wɔamma wɔn ho so.


Wɔn a wɔtwa me ho hyia no deɛ, ma wɔn anomu mmusuo mmua wɔn atifi.


Ma abɔnefoɔ nhwe wɔn ankasa nsɛmma mu, na me deɛ, ma mensiane ho menkɔ prɛko.


Ne mmusuo resane abua n’atifi, na n’amim aduru n’apampam.


Mɛda AWURADE ase sɛdeɛ ne tenenee teɛ, na mato ayeyie dwom mama AWURADE a ɔwɔ sorosoro no din.


Na ɔde wɔn mmusuo abua wɔn atifi, na wɔn bɔne nti ɔbɛyi wɔn hɔ. AWURADE, aane, yɛn Nyankopɔn bɛyi wɔn hɔ.


Deɛ ɔtu amena bɛhwe ɛno ara mu, na deɛ ɔmuni ɔboɔ no, ɛbɛsane aba ne so.


Ɔbɔnefoɔ amumuyɛ sɔ ne mu, na ne bɔne nhoma kye no.


Ɛda no, asafo AWURADE na ɔseɛ, pɛɛwa a wɔde abɔ deɛ ɛhɔ yɛ den no bɛhɔn, na wɔabu ahwe fam, na adesoa a ɛsɛne soɔ no asɛe, ɛfiri sɛ AWURADE na waka.


Na AWURADE da no abɛn, amanaman nyinaa so; Edom sɛdeɛ woyɛeɛ no, saa ara na wɔbɛyɛ woɔ, wo nneyɛe bɛsane abɛbua w’atifi.


Na deɛ ɔbɛhwe ɔboɔ yi soɔ no, ne mu bɛbubu, na deɛ ɛbɛhwe ne soɔ no ɛbɛpɛkyɛ no.


Na Dawid tee sɛ Nabal awuo no, ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE a watɔ Nabal nsopa so were ama me na wasɔ n’akoa mu afiri bɔne ho, na AWURADE adane Nabal bɔne agu n’atifi! Na Dawid soma maa wɔne Abigail kɔkasaa sɛ ɔbɛfa no aware.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan