Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 9:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 sɛ nna a Yudafoɔ nyaa mu home firii wɔn atamfoɔ nsam, ne bosome a ɛdanee wɔn firii awerɛhoɔ mu kɔɔ anigyeɛ mu, na ɛfirii abooboodie mu kɔɔ dapa mu, sɛ wɔmfa nyɛ apontoɔ ne anigyeɛ ne ɔyɔnko ne yɔnko adiama ne ahiafoɔ adekyɛ nna.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 sɛ nna a Yudafoɔ nyaa mu home firii wɔn atamfoɔ nsam, ne bosome a ɛdanee wɔn firii awerɛhoɔ mu kɔɔ anigyeɛ mu, na ɛfirii abooboodie mu kɔɔ dapa mu, sɛ wɔmfa nyɛ apontoɔ ne anigyeɛ ne ɔyɔnko ne yɔnko adiama ne ahiafoɔ adekyɛ nna.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔnhyɛ saa nna no ho fa a adidi ne ɔnom ka ho, na wɔmma wɔn ho wɔn ho ne ahiafo akyɛde. Eyi bɛma Yudafo no akae bere a wonyaa ogye fii wɔn atamfo nsam, wɔn awerɛhow dan anigye, na wɔn su bɛyɛɛ ahosɛpɛw no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnhyɛ saa nna no ho fa a adidie ne ɔnom ka ho, na wɔmma wɔn ho wɔn ho ne ahiafoɔ akyɛdeɛ. Yei bɛma Yudafoɔ no akae ɛberɛ a wɔnyaa ɔgyeɛ firii wɔn atamfoɔ nsam, wɔn awerɛhoɔ danee anigyeɛ, na wɔn su bɛyɛɛ ahosɛpɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 sɛ nna a Yudafo nyaa mu home fii wɔn atamfo nsam, ne ɔsram a ɛdan wɔn fii awerɛhow mu kɔɔ anigye mu na efii nkɔmmɔdi mu kɔɔ dapa mu, sɛ wɔmfa nyɛ apontow ne anigye ne ɔyɔnko ne yɔnko adiama ne ahiafo adekyɛ nna.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 9:22
24 Iomraidhean Croise  

Enti Yudafoɔ a wɔwɔ nkuraaseɛ no, wɔn a wɔtete nkuro a ɛho nni afasuo mu no de bosome Adar da a ɛtɔ so dunan no yɛ anigyeɛ ne apontoɔ da ne dapa a wɔde nnoɔma mema wɔn ho wɔn ho.


sɛ wɔmma yei ntim wɔn tirim sɛ wɔbɛdi bosome Adar da a ɛtɔ so dunan, ne ne da a ɛtɔ so dunum no daa afe,


Na Yudafoɔ no sɔɔ deɛ wɔafiri aseɛ reyɛ ne deɛ Mordekai twerɛ brɛɛ wɔn no mu,


Me kra, hyira AWURADE, na mma wo werɛ mmfiri ne nneyɛɛ pa nyinaa.


sɛ wɔbɛtɔ amanaman mu were, na wɔatwe aman aso;


Woama m’abooboo adane me asa, woasane me ho ayitoma, na wode anigyeɛ abɔ me abɔsoɔ,


na m’animuonyam ato wo dwom, na annyae da. AWURADE, me Nyankopɔn, mɛda wo ase daa.


Wɔn nkrantɛ bɛwɔ wɔn ara wɔn akoma mu, na wɔn tadua abubu.


Na ɛda a AWURADE bɛma wo ɔhome afiri wo yea ne w’ahoyera ne w’anyadie denden a wɔdii woɔ no mu no,


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Bosome a ɛtɔ so nnan, nnum, nson ne du mu akɔnkyene bɛyɛ Yuda fie ahosɛpɛ, anigyeɛ ne afahyɛ pa; na nokorɛ ne asomdwoeɛ nko na mompɛ.


Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ, na wɔn na wɔbɛkyekyere wɔn werɛ.


Na hwɛ, deɛ ɛwɔ mu no, momfa bi nyɛ adɔeɛ; ɛno na ne nyinaa ho bɛfiri ama mo.


gye ahiafoɔ nko ara na wɔsrɛɛ sɛ yɛnkae wɔn. Na ɛno nso na mebɔɔ ho mmɔden sɛ mɛyɛ.


Sɛ wo nuanom mu biara dane ohiani wɔ kuro biara apono mu, w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so a, mpirim w’akoma, na mmua wo nsa so ntia wo nua hiani.


na ma w’ani nnye wo nnapɔnna no mu, wo ne wo babarima, wo babaa, w’akoa, w’afenaa, Lewini, ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ wo kuro apono mu.


Nnanson na di dapɔnna no ma AWURADE wo Nyankopɔn faako a wayie hɔ: Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛhyira wo, wo nnɔbaeɛ mu ne wo nsa ano adwuma nyinaa mu; enti ma w’ani nnye ara.


Na wɔn a wɔtete asase soɔ ani bɛgye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yamu, na wɔamanemane wɔn ho adeɛ, ɛfiri sɛ adiyifoɔ baanu yi ateetee wɔn a wɔte asase soɔ.


Bisabisa wo mmeranteɛ no na wɔbɛka akyerɛ wo; enti ma mmeranteɛ no nnya w’anim adom, na afahyɛ da na yɛaba yi, fa deɛ ɛwɔ wo nsam ma wo nkoa ne wo ba Dawid ɛ!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan