Ester 9:20 - New Revised Asante Twi Bible20 Na Mordekai twerɛɛ nsɛm yi, na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔmaa Yudafoɔ a wɔwɔ Ɔhene Akas-weros nsase nyinaa soɔ no nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no, Faic an caibideilTwerɛ Kronkron20 Na Mordekai twerɛɛ nsɛm yi, na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔmaa Yudafoɔ a wɔwɔ Ɔhene Akas-weros nsase nyinaa soɔ no nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no, Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm20 Mordekai kyerɛw saa nsɛm a esisii yi nyinaa, na wɔde nkrataa kɔmaa Yudafo a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyiri wɔ ɔhene no amantam nyinaa mu, Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm20 Mordekai twerɛɛ saa nsɛm a ɛsisiiɛ yi nyinaa, na wɔde nkrataa kɔmemaa Yudafoɔ a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyiri wɔ ɔhene no amantam nyinaa mu, Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON20 Na Mordekai kyerɛw nsɛm yi, na ɔsoma ma wɔde nhoma kɔmaa Yudafo a wɔwɔ Ɔhene Ahas-weros nsaase nyinaa so no nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no, Faic an caibideil |
Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no atwerɛfoɔ bosome a ɛdi kan, da ɛtɔ so dummiɛnsa soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Haman hyɛeɛ nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofoɔ ne amantam no mmaako mmaako so ahwɛfoɔ ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛdeɛ ne ntwerɛeɛ teɛ, ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ. Wɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔɔ ano.
Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ berɛ no mu, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne bosome Siwan no da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Mordekai hyɛeɛ no nyinaa kɔmaa Yudafoɔ no ne amradofoɔ akɛseɛ ne nketewa no, ne nsase no so mmapɔmma no, de firi India kɔsi Etiopia, nsase ahodoɔ ɔha aduonu nson, asase biara sɛdeɛ n’atwerɛ teɛ ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ, ne Yudafoɔ nso sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn kasa teɛ.