Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 9:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Yudafoɔ no boaboaa wɔn ano hyiaa wɔn nkuro mu, Ɔhene Akas-weros nsase nyinaa so, sɛ wɔde wɔn nsa bɛgu wɔn a wɔpɛ wɔn bɔne no so. Na obiara annyina wɔn anim, ɛfiri sɛ na wɔn ho hu aka amanaman no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Yudafoɔ no boaboaa wɔn ano hyiaa wɔn nkuro mu, Ɔhene Akas-weros nsase nyinaa so, sɛ wɔde wɔn nsa bɛgu wɔn a wɔpɛ wɔn bɔne no so. Na obiara annyina wɔn anim, ɛfiri sɛ na wɔn ho hu aka amanaman no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Yudafo no boaa wɔn ho ano wɔ wɔn nkuropɔn a ɛwɔ ɔhene amantam no mu no nyinaa so, bɔɔ wɔn ho ban de tiaa obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛhaw wɔn no. Nanso obiara antumi ansɔre antia wɔn, efisɛ na obiara suro wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Yudafoɔ no boaa wɔn ho ano wɔ wɔn nkuropɔn a ɛwɔ ɔhene amantam no mu no nyinaa so, bɔɔ wɔn ho ban, de tiaa obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛha wɔn. Nanso, obiara antumi ansɔre antia wɔn, ɛfiri sɛ, na obiara suro wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Yudafo no boaboaa wɔn ho ano hyiaa wɔn nkurow mu, ɔhene Ahas-weros nsase nyinaa so, sɛ wɔrebɛtow ahyɛ wɔn a wɔpɛ wɔn bɔne no so. Na obiara annyina wɔn anim, efisɛ wɔn ho hu aka amanaman no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 9:2
12 Iomraidhean Croise  

Na wɔsii mu sɛ wɔrekorɔ no, Nyankopɔn ho hu baa nkuro a atwa wɔn ho ahyia no so, na wɔanti Yakob mma no.


Emu na ɔhene maa Yudafoɔ a wɔwɔ kuro biara so kwan sɛ wɔmmoaboa wɔn ano nhyia, na wɔn nkwa nti, wɔnnyina hɔ, na wɔnsɛe na wɔnkum na wɔnnwerɛ ɛdɔm ne ɔman ne mantam biara a ɛhiahia wɔn ho, mmɔfra ne mmaa nso, sɛ wɔbɛfom wɔn nnoɔma,


Na asase biara ne kuro biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu soɔ no, anigyeɛ ne ahosɛpɛ baa hɔ maa Yudafoɔ no, apontoɔ ne dapadie mu. Na asase no so amanaman no mu nnipa bebree danedanee wɔn ho Yudafoɔ, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no ho hu aka wɔn.


Yudafoɔ hohiahiafoɔ Hamedata ba Haman ne mmammarima du no nso, wɔkunkumm wɔn, na fomfa adeɛ no deɛ, wɔamfa wɔn nsa anka.


Me kra ho asɛmpɛfoɔ ani bɛwu na wɔayera, ahohora ne nsopa bɛkata wɔn a wɔpɛ me bɔne so.


Mede me tɛkyerɛma nso bɛka wo tenenee ho asɛm daa, ɛfiri sɛ wɔn a wɔpɛ me bɔne no ani awu, na wɔn anim agu ase.


Mɛma me ho hu adi w’anim, na mama aman a wobɛduru wɔn soɔ nyinaa agyigya, na mama w’atamfo nyinaa adane wɔn akyi akyerɛ wo.


Aman, monka mo ho mmoa ano, na monnwerɛ ara, asase a ɛwɔ akyirikyiri sofoɔ nyinaa, monyɛ aso, mommia na monnwerɛ, mommia na monnwerɛ.


Na Hesbonhene Sihon amma yɛamfa ne nkyɛn antwam, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn maa no asoɔden honhom na ɔpirim n’akoma, na ɔde no ahyɛ wo nsa sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ da yi.


Na ɛfiri AWURADE, sɛ ɔpirim wɔn akoma sɛ wɔnkɔhyia Israel ɔko mu, na wɔasɛe wɔn pasapasa na wɔanhu wɔn mmɔbɔ, na mmom wɔasɛe wɔn sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


kɔka kyerɛɛ mmarima no sɛ: Menim sɛ AWURADE de asase yi ama mo, na mo ho hu atɔ yɛn so, na asase yi sotefoɔ nyinaa akoma tu mo anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan