Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 9:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 bosome Adar da a ɛtɔ so dummiɛnsa mu, na wɔnyaa ɔhome, ne da a ɛtɔ so dunan no so. Na wɔde yɛɛ apontoɔ ne anigyeɛ da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 bosome Adar da a ɛtɔ so dummiɛnsa mu, na wɔnyaa ɔhome, ne da a ɛtɔ so dunan no so. Na wɔde yɛɛ apontoɔ ne anigyeɛ da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Saa ara na wɔyɛɛ wɔ Adar ɔsram no (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason no wɔ amantam no nyinaa mu. Ade kyee no, wɔhomee, didii, gyee wɔn ani wɔ wɔn nkonimdi no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Amantam no nyinaa mu, saa ara na wɔyɛɛ Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson no. Adeɛ kyeeɛ no, wɔhomeeɛ, didiiɛ, gyee wɔn ani wɔ wɔn nkonimdie no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] da a ɛto so dummiɛnsa, so, na wonyaa ɔhome ne da a ɛto so dunan no so. Na wɔde yɛɛ apontow ne anigye da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 9:17
5 Iomraidhean Croise  

Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no atwerɛfoɔ bosome a ɛdi kan, da ɛtɔ so dummiɛnsa soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Haman hyɛeɛ nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofoɔ ne amantam no mmaako mmaako so ahwɛfoɔ ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛdeɛ ne ntwerɛeɛ teɛ, ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ. Wɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔɔ ano.


Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ berɛ no mu, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne bosome Siwan no da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Mordekai hyɛeɛ no nyinaa kɔmaa Yudafoɔ no ne amradofoɔ akɛseɛ ne nketewa no, ne nsase no so mmapɔmma no, de firi India kɔsi Etiopia, nsase ahodoɔ ɔha aduonu nson, asase biara sɛdeɛ n’atwerɛ teɛ ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ, ne Yudafoɔ nso sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn kasa teɛ.


Na bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar no da a ɛtɔ so dummiɛnsa no a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu sɛ wɔdi soɔ no, da no ara a Yudafoɔ atamfoɔ ani daa so sɛ wɔbɛdi Yudafoɔ so no danee sɛ Yudafoɔ no mmom na wɔdii wɔn atamfoɔ no soɔ,


Na Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no boaboaa wɔn ano, ne da a ɛtɔ so dummiɛnsa ne ne da a ɛtɔ so dunan so, na wɔhomee ne da a ɛtɔ so dunum mu, na wɔde yɛɛ apontoɔ ne anigyeɛ da.


sɛ wɔmma yei ntim wɔn tirim sɛ wɔbɛdi bosome Adar da a ɛtɔ so dunan, ne ne da a ɛtɔ so dunum no daa afe,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan