Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 8:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ berɛ no mu, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne bosome Siwan no da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Mordekai hyɛeɛ no nyinaa kɔmaa Yudafoɔ no ne amradofoɔ akɛseɛ ne nketewa no, ne nsase no so mmapɔmma no, de firi India kɔsi Etiopia, nsase ahodoɔ ɔha aduonu nson, asase biara sɛdeɛ n’atwerɛ teɛ ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ, ne Yudafoɔ nso sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn kasa teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ berɛ no mu, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne bosome Siwan no da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Mordekai hyɛeɛ no nyinaa kɔmaa Yudafoɔ no ne amradofoɔ akɛseɛ ne nketewa no, ne nsase no so mmapɔmma no, de firi India kɔsi Etiopia, nsase ahodoɔ ɔha aduonu nson, asase biara sɛdeɛ n’atwerɛ teɛ ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ, ne Yudafoɔ nso sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn kasa teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Enti Siwan ɔsram (bɛyɛ Ayɛwohomumɔ) da a ɛto so aduonu anum no, wɔfrɛɛ ɔhene akyerɛwfo. Mordekai kaa nsɛm no, na wɔkyerɛw mmara kɔmaa Yudafo ne mmapɔmma, amradofo ne mpasua no mu adwumayɛfo a wɔwɔ amantam ɔha aduonu ason no mu, efi India kosi Etiopia. Wɔkyerɛw mmara no wɔ kasa ahorow a nnipa no ka wɔ ahemman no mu, a Yudafo no ka ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Enti, Siwan bosome (bɛyɛ Ayɛwohomumu) da a ɛtɔ so aduonu enum no, wɔfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ. Mordekai kaa nsɛm no, na wɔtwerɛɛ mmara kɔmaa Yudafoɔ ne mmapɔmma, amradofoɔ ne mpasua no mu adwumayɛfoɔ a wɔwɔ amantam ɔha aduonu nson no mu, ɛfiri India kɔsi Etiopia. Wɔtwerɛɛ mmara no wɔ kasa hodoɔ a nnipa no ka no ahemman no mu, a Yudafoɔ no ka ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene akyerɛwfo bere no mu, ɔsram a ɛto so abiɛsa a ɛne ɔsram Siwan no da a ɛto so aduonu abiɛsa, na wɔkyerɛwee sɛnea Mordekai hyɛe no nyinaa kɔmaa Yudafo no, ne amradofo akɛse ne nketewa, ne nsase no so mmapɔmma, de fi India de kosi Etiopia, nsase horow ɔha aduonu asɔn, asase biara asase sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara man sɛ ne kasa te, ne Yudafo nso sɛ wɔn nkyerɛwee ne wɔn kasa te.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 8:9
10 Iomraidhean Croise  

Na Hilkia ba Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake no sɛ: Ɛne wo nkoa nka Aramaik kasa, na yɛn deɛ, yɛte, na ɛne yɛn nnka Yuda kasa a nkurɔfoɔ a wɔreboa ɔfasuo no toɔ no teɛ mu.


Na wɔboaa wɔn ano wɔ Yerusalem bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Asa ahennie afe a ɛtɔ so dunum so.


Na Akas-weros berɛ so, — Akas-weros a na ɔdi hene firi India de kɔsi Etiopia, amantam ahodoɔ ɔha aduonu nson so, —


Na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔɔ ɔhene no amantam nyinaa so, na wɔde kɔɔ asase biara so sɛdeɛ ne ntwerɛ teɛ, ne ɔman biara so sɛdeɛ ne kasa teɛ, sɛ ɔbarima biara nni ne fie so panin, na ɔmfa ne man kasa nka mma wɔnte.


Na Ɔhene Akas-weros de apeatoɔ too asase no ne mpoano aman no so.


Ɔhene Nebukadnessar de yei kɔmaa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa a wɔte asase nyinaa soɔ: Ɛnsi mo yie mmoroso!


Ɛsɔɔ Dario ani sɛ ɔde amantam ahemfo ɔha aduonu bɛsisi n’ahennie no soɔ, sɛ wɔnni ahemman no nyinaa so


Ɛnna Ɔhene Dario twerɛ kɔmaa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa a wɔtete asase soɔ no nyinaa sɛ: Ɛnsi mo yie mmoroso.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan