Ester 8:8 - New Revised Asante Twi Bible8 Na mo ara montwerɛ Yudafoɔ no ho sɛdeɛ mopɛ wɔ ɔhene din mu, na momfa ɔhene pɛtea nsɔ ano, ɛfiri sɛ atwerɛ a wɔatwerɛ no ɔhene din mu na wɔde ɔhene pɛtea asɔ ano no, wɔntumi nnane ani. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron8 Na mo ara montwerɛ Yudafoɔ no ho sɛdeɛ mopɛ wɔ ɔhene din mu, na momfa ɔhene pɛtea nsɔ ano, ɛfiri sɛ atwerɛ a wɔatwerɛ no ɔhene din mu na wɔde ɔhene pɛtea asɔ ano no, wɔntumi nnane ani. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm8 Afei, fa ɔhene din kyerɛw mmara foforo wɔ Yudafo no din mu, ka nea wopɛ biara wɔ mu, na fa ɔhene kaa no sɔw ano. Biribiara a wɔakyerɛw wɔ ɔhene din mu de ne kaa asɔw ano no, wɔnnan ani.” Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm8 Afei, kɔ so fa ɔhene din to nkra kɔma Yudafoɔ, ka deɛ wopɛ biara kyerɛ wɔn, na fa ɔhene kawa no sɔ ano. Nanso, kae sɛ, biribiara a wɔatwerɛ wɔ ɔhene din mu de ne kawa asɔ ano no, wɔnnane ani.” Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON8 Na mo ara monkyerɛw Yudafo no ho sɛnea mopɛ ɔhene din mu, na momfa ɔhene pɛtea nsɔ ano, efisɛ ɔkyerɛw a wɔakyerɛw ɔhene din mu na wɔde ɔhene pɛtea nsɔwano no, wontumi nsan. Faic an caibideil |
Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no atwerɛfoɔ bosome a ɛdi kan, da ɛtɔ so dummiɛnsa soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Haman hyɛeɛ nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofoɔ ne amantam no mmaako mmaako so ahwɛfoɔ ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛdeɛ ne ntwerɛeɛ teɛ, ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ. Wɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔɔ ano.