Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 7:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na Harbona, mpiafoɔ no mu baako, kaa no ɔhene no anim sɛ: Hwɛ, dua a Haman ayɛ ama Mordekai a ɔkaa ɔhene ho asɛmpa no si Haman fie, ne tentene yɛ basafa aduonu nnum. Na ɔhene no se: Monkɔsɛne no wɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na Harbona, mpiafoɔ no mu baako, kaa no ɔhene no anim sɛ: Hwɛ, dua a Haman ayɛ ama Mordekai a ɔkaa ɔhene ho asɛmpa no si Haman fie, ne tentene yɛ basafa aduonu nnum. Na ɔhene no se: Monkɔsɛne no wɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na Harbona a ɔyɛ ɔhene no piamfo no mu baako kae se, “Haman asi dua a ne sorokɔ yɛ anammɔn aduɔson anum wɔ ɔno ara nʼadiwo. Na nʼadwene ne sɛ, ɔbɛsɛn Mordekai a ogyee ɔhene nkwa no wɔ so.” Afei, ɔhene no kae se, “Monsɛn Haman wɔ so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na Harbona a ɔyɛ ɔhene no apiafoɔ no mu baako kaa sɛ, “Haman asi dua a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔson enum wɔ ɔno ara nʼadihɔ. Na nʼadwene ne sɛ, ɔbɛsɛn Mordekai a ɔgyee ɔhene nkwa no wɔ so.” Afei, ɔhene no kaa sɛ, “Monsɛn Haman wɔ so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Harbona, mpiafo no mu biako, kae ɔhene no anim sɛ: Hwɛ, dua a Haman ayɛ ama Mordekai a ɔkaa ɔhene ho asɛmpa no si Haman fi, ne tenten si basafa aduonum anum. Na ɔhene no se: Monkɔsɛn no wɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 7:9
20 Iomraidhean Croise  

Na ɔmaa n’ani so hwɛɛ mpomma no, na ɔbisaa sɛ: Hwan na ɔwɔ m’afa, hwan? Ɛnna pia mufoɔ baanu anaa baasa firi bɔɔ wɔn ani kyerɛɛ no.


Da a ɛtɔ so nson a nsa ama ɔhene ani agyeɛ no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas, mpiafoɔ baason no a wɔsom Ɔhene Akas-weros anim no,


Ɛnna ne yere Seres ne n’adɔfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma wɔnyɛ dua a ne tentene yɛ basafa aduonu nnum, na ɔkyena anɔpa ka kyerɛ ɔhene, na wɔnsɛne Mordekai wɔ so, na wo ne ɔhene nkɔ apontoɔ no ase anigyeɛ mu. Na asɛm no sɔɔ Haman ani, na ɔmaa wɔyɛɛ dua no.


Na wɔne no da so rekasa no, ɔhene mpiafoɔ no ba bɛfaa Haman ntɛm so de no kɔɔ ɛpono a Ester atoɔ no ase.


Na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ sɛ Mordekai na ɔbɛkaa Bigtana ne Teres, ɔhene mpiafoɔ baanu a wɔhwɛ ɛpono ano a wɔpɛɛ sɛ wɔkum Ɔhene Akas-weros no ho asɛm no.


Ɛnna Ɔhene Akas-weros ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester ne Yudani Mordekai sɛ: Hwɛ, mede Haman fie mama Ester, na ɔno nso wɔasɛne no dua no so, sɛ anka ɔde ne nsa reka Yudafoɔ no nti.


Na ɔhene no kaa sɛ wɔnyɛ saa, na wɔhyɛɛ mmara no wɔ Susa, na wɔsensɛnee Haman mmammarima du no.


na Ester baa ɔhene anim no, ɔkaa no nwoma no mu, sɛ Haman adwemmɔne a ɔdwenee no Yudafoɔ ho no nsane mmɛbua n’atifi, na wɔnsɛne no ne ne mma dua no so.


Ma abɔnefoɔ nhwe wɔn ankasa nsɛmma mu, na me deɛ, ma mensiane ho menkɔ prɛko.


Ma ɔsɛeɛ mmɛfiri no awora, na ma ne fidie a wasum ahunta no nyi no, ma ɔmfa bubububu nhwe mu!


Hwɛ sɛ wɔadane sɛ amamfo seesei ara, ehu ama wɔawie sa.


Na ɔhene hyɛe maa wɔde mmarima a wɔtotoo Daniel ano no bae de wɔn bɛguu agyata amena no mu, wɔn ne wɔn mma ne wɔn yerenom; na wɔnnya nnuruu amena no aseɛ no, agyata no faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu.


Ahemman yi mu aberempɔn, mmakoma, amantam ahemfo, agyinatufoɔ ne amradofoɔ nyinaa atu agyina sɛ wɔde ɔhene mmara bɛbara na wɔahyɛ ɛmom mmaraden sɛ: Obiara a ɔbɛbisa onyame bi anaa onipa bi hɔ adeɛ biara adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amena mu.


Enti Dawid tutuu mmirika kɔgyinaa Filistini no so, na ɔsɔɔ ne nkrantɛ mu twe firii bɔha mu, na ɔkumm no, na ɔde twaa ne ti. Na Filistifoɔ no hunuu sɛ wɔn brane awuo no, wɔdwaneeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan