Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 7:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛnna Ɔhemmaa Ester buaa sɛ: Ɔhene, sɛ m’anim aba nyam wɔ w’anim, na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔmfa me nkwa nkyɛ me sɛ m’adeɛ a meresrɛ, ne me nkurɔfoɔ deɛ sɛ m’adeɛ a merehwehwɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɛnna Ɔhemmaa Ester buaa sɛ: Ɔhene, sɛ m’anim aba nyam wɔ w’anim, na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔmfa me nkwa nkyɛ me sɛ m’adeɛ a meresrɛ, ne me nkurɔfoɔ deɛ sɛ m’adeɛ a merehwehwɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔhemmea Ɛster buae se, “Sɛ Ɔhempɔn ani gye me ho, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼabisade ma me a, mʼadesrɛ ara ne sɛ, obegyaa me nkwa ne me manfo nkwa mu ama yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔhemmaa Ɛster buaa sɛ, “Sɛ Ɔhene kɛseɛ ani gye me ho, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼabisadeɛ ma me a, mʼadesrɛ ara ne sɛ, ɔbɛgyaa me nkwa ne me manfoɔ nkwa mu ama yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna ɔhemmea Ester buae sɛ: Ɔhene, sɛ m’anim aba nyam w’anim, na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔmfa me nkwa nkyɛ me sɛ m’ade a meresrɛ, ne me nkurɔfo sɛ m’ade a merehwehwɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 7:3
9 Iomraidhean Croise  

Na ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, yɛate sɛ Israel fie ahemfo yɛ ahemfo a wɔyɛ adɔeɛ. Ma yɛmfa ayitoma nkyekyere yɛn asene, na yɛmfa ntampehoma mmobɔ yɛn ti, na yɛmfiri nkɔ Israel hene nkyɛn; ebia ɔbɛgye wo kra nkwa.


Na ɔhene somaa aduonum so safohene a ɔtɔ so mmiɛnsa ne n’aduonum. Na aduonum so safohene a ɔtɔ so mmiɛnsa no foro kɔe, na ɔkɔkotoo ne nankoroma anim Elia anim, na ɔpaa no kyɛw sɛ: Nyankopɔn nipa, ma me kra ne wo nkoa aduonum yi kra boɔ nyɛ den w’ani so.


Na Mordekai de mmara a wɔhyɛɛ no wɔ Susa sɛ wɔnsɛe wɔn no atwerɛ nhwɛsoɔ maa no, sɛ ɔmma Ester nhunu, na ɔnka nkyerɛ no, na ɔnhyɛ no sɛ ɔnkɔ ɔhene nkyɛn nkɔkoto nsrɛ no, na ɔnsrɛ wɔ n’anim mma ne man.


sɛ m’anim aba nyam ɔhene anim, na sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔbɛma adeɛ a meresrɛ na wɔyɛ deɛ merehwehwɛ no a, ɔhene ne Haman mmra ɛpono a merebɛto wɔn no ase. Na ɔkyena mɛyɛ sɛdeɛ ɔhene aka no.


Na ɔhene no sɔree n’abufuo no mu firii nsa pono no ho kɔɔ ahemfie turo no mu. Na Haman sɔre gyinaa sɛ ɔrepa Ɔhemmaa Ester ne nkwa ho kyɛw, ɛfiri sɛ na wahunu sɛ ɔhene no abɔ ne ho pɔbɔne.


na ɔkaa sɛ: Sɛ ɔhene pɛ na sɛ m’anim aba nyam n’anim, na asɛm no tene ɔhene anim, na me nso mesɔ n’ani a, ma wɔntwerɛ nkɔtwa nwoma a Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba dwenee ho na ɔtwerɛɛ sɛ ɔde rekɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ ɔhene nsase nyinaa soɔ no mu,


Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde wedeɛ pere wedeɛ, na deɛ onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.


Ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Mede me nkotosrɛ mehwee ɔhene anim, sɛ ɔmmma wɔmmfa me nnkɔ Yonatan fie bio, na mankɔwu wɔ hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan