Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 7:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na wɔsɛnee Haman dua a wasiesie ama Mordekai no so. Na ɔhene abufuo ano dwoe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na wɔsɛnee Haman dua a wasiesie ama Mordekai no so. Na ɔhene abufuo ano dwoe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Enti wɔsɛn Haman wɔ dua no a osi maa Mordekai no so, maa ɔhene no bo dwoe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Enti, wɔsɛnee Haman wɔ dua no a ɔsi maa Mordekai no so, maa ɔhene no bo dwoeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na wɔsɛn Haman dua a wasiesie ama Mordekai no so. Na ɔhene abufuw ano dwoe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 7:10
22 Iomraidhean Croise  

Na paanootofoɔ panin no deɛ, ɔsɛnee no, sɛdeɛ Yosef kyerɛɛ wɔn aseɛ no.


Nsɛm yi akyiri a Ɔhene Akas-weros abufuo no ano dwoeɛ no, ɔkaee Wasti ne deɛ ɔyɛeɛ ne deɛ wɔahyɛ atia no no.


Ɛnna ne yere Seres ne n’adɔfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma wɔnyɛ dua a ne tentene yɛ basafa aduonu nnum, na ɔkyena anɔpa ka kyerɛ ɔhene, na wɔnsɛne Mordekai wɔ so, na wo ne ɔhene nkɔ apontoɔ no ase anigyeɛ mu. Na asɛm no sɔɔ Haman ani, na ɔmaa wɔyɛɛ dua no.


Na ɔhene no sɔree n’abufuo no mu firii nsa pono no ho kɔɔ ahemfie turo no mu. Na Haman sɔre gyinaa sɛ ɔrepa Ɔhemmaa Ester ne nkwa ho kyɛw, ɛfiri sɛ na wahunu sɛ ɔhene no abɔ ne ho pɔbɔne.


Na ɔhene no sane firii ahemfie turo no mu baa nsa pono no ase, na Haman ahwe nnaeɛ a Ester wɔ soɔ no so. Na ɔhene kaa sɛ: Ɔrebɛhyɛ ɔhemmaa ne no ada mpo m’anim wɔ me ara me fie ha nso? Asɛm no firii ɔhene anomu ara pɛ, na wɔkataa Haman ani.


Ɛnna Ɔhene Akas-weros ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester ne Yudani Mordekai sɛ: Hwɛ, mede Haman fie mama Ester, na ɔno nso wɔasɛne no dua no so, sɛ anka ɔde ne nsa reka Yudafoɔ no nti.


Na ɔhene no kaa sɛ wɔnyɛ saa, na wɔhyɛɛ mmara no wɔ Susa, na wɔsensɛnee Haman mmammarima du no.


na Ester baa ɔhene anim no, ɔkaa no nwoma no mu, sɛ Haman adwemmɔne a ɔdwenee no Yudafoɔ ho no nsane mmɛbua n’atifi, na wɔnsɛne no ne ne mma dua no so.


Na ɔno ara ne nan bɛka no ato atena mu, na wanante mfidie so.


Ɔbɛtu akɔ sɛ daeɛ, na wɔrenhu no, na wɔbɛpamo no akɔ sɛ anadwo adehunu.


Wɔn nkrantɛ bɛwɔ wɔn ara wɔn akoma mu, na wɔn tadua abubu.


Ne mmusuo resane abua n’atifi, na n’amim aduru n’apampam.


Na ɔde wɔn mmusuo abua wɔn atifi, na wɔn bɔne nti ɔbɛyi wɔn hɔ. AWURADE, aane, yɛn Nyankopɔn bɛyi wɔn hɔ.


Deɛ ɔpɛ papa akyiri kwan no hwehwɛ anisɔ, na deɛ ɔdi bɔne akyire no, ɛba ne so.


Wɔbɛyi ɔteneneeni afiri ahohiahia mu, na ɔbɔnefoɔ abɛsi n’ananmu ahunu amane.


Deɛ ɔtu amena bɛhwe ɛno ara mu, na deɛ ɔmuni ɔboɔ no, ɛbɛsane aba ne so.


Saa nti sɛ AWURADE seɛ nie: Mo deɛ, montiee me, sɛ mobɛpae ahofadie a obiara bɛma ne nua ne ne yɔnko kwan. Hwɛ, me nso merepae ahofadie ama mo, AWURADE asɛm nie: Mede mo mama afena ne owuyadeɛ ne ɛkɔm, na mama asase so ahennie nyinaa adwan mo ho.


Na m’abufuo bɛwie na mama m’anibereɛ adwo wɔn so, na me werɛ akyekye; na sɛ meyɛ m’anibereɛ no so adeɛ wɔn so a, wɔahunu sɛ me, AWURADE, makasa me ninkuntwe mu.


Na ɔhene hyɛe maa wɔde mmarima a wɔtotoo Daniel ano no bae de wɔn bɛguu agyata amena no mu, wɔn ne wɔn mma ne wɔn yerenom; na wɔnnya nnuruu amena no aseɛ no, agyata no faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu.


Ɛnna Ɔhene Dario twerɛ kɔmaa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa a wɔtete asase soɔ no nyinaa sɛ: Ɛnsi mo yie mmoroso.


Ɛnna ɔteaa mu frɛɛ me kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, wɔn a wɔrefiri adi akɔ atifi fam asase soɔ ama me honhom ho asane no wɔ atifi fam asase no so.


Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moayɛ saa a, gye sɛ matɔ mo were ansa na magyae.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan