Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 6:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 na wɔmfa atadeɛ no ne ɔpɔnkɔ no nhyɛ ɔhene mmapɔmma akɛseɛ no mu bi nsa, na wɔmfa nhyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no, na wɔmma no ntena ɔpɔnkɔ no so mfa kuro no abɔntene so, na wɔmpae nni n’anim sɛ: Sei na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 na wɔmfa atadeɛ no ne ɔpɔnkɔ no nhyɛ ɔhene mmapɔmma akɛseɛ no mu bi nsa, na wɔmfa nhyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no, na wɔmma no ntena ɔpɔnkɔ no so mfa kuro no abɔntene so, na wɔmpae nni n’anim sɛ: Sei na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ka kyerɛ mmapɔmma no mu baako a odi mu yiye, na ɔmfa ahentade nhyɛ no, na onni nʼanim mfa no mmra aguabɔbea hɔ a ɔte ɔhene no ankasa pɔnkɔ so. Ɛsɛ sɛ mmapɔmma no gye no akurum se, ‘Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no!’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ka kyerɛ mmapɔmma no mu baako a ɔdi mu yie, na ɔmfa ahentadeɛ nhyɛ no, na ɔnni nʼanim mfa no mmra adwaberem hɔ a ɔte ɔhene no ankasa pɔnkɔ so. Ɛsɛ sɛ mmapɔmma no gye no akurum sɛ, ‘Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn animuonyam no!’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 na wɔmfa atade no ne ɔpɔnkɔ no nhyɛ ɔhene mmapɔmma akɛse no mu bi nsa, na wɔmfa nhyɛ onipa a ɔhene pɛ no nidi no, na wɔmma ɔntena ɔpɔnkɔ no so mfa kurow no abɔnten so, na wɔmpae nni n’anim sɛ: Sɛɛ na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no nidi no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 6:9
5 Iomraidhean Croise  

Na ɔmaa no tenaa ne teaseɛnam a ɛtɔ so mmienu mu, na wɔteaa mu dii n’anim sɛ: Monkoto! Na ɔde no sii Misraim asase nyinaa so.


Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Haman sɛ: Ka wo ho kɔfa atadeɛ ne ɔpɔnkɔ no, sɛdeɛ woaka no, na yɛ saa ma Yudani Mordekai a ɔte ɔhene ponkɛseɛ mu no. Nnya deɛ woaka no nyinaa mu biara.


Na Haman baa mu. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔnyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no? Na Haman see no n’akoma mu sɛ: Hwan bio mpo na ɔwɔ ka me ho a ɔhene pɛ sɛ ɔdi no ni sene me ara?


Di ahurisie pii, Sion babaa, huro, Yerusalem babaa! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtene, na ɔwɔ nkwagyeɛ; ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumuburuwa a ɔyɛ afunumubereɛ ba so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan