Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 6:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na wɔne no da so rekasa no, ɔhene mpiafoɔ no ba bɛfaa Haman ntɛm so de no kɔɔ ɛpono a Ester atoɔ no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na wɔne no da so rekasa no, ɔhene mpiafoɔ no ba bɛfaa Haman ntɛm so de no kɔɔ ɛpono a Ester atoɔ no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Bere a wogu so rekasa no, ɔhene piamfo no bae sɛ wɔrebɛfa Haman akɔ Ɛster aponto a wasiesie no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Ɛberɛ a wɔgu so rekasa no, ɔhene apiafoɔ no baeɛ sɛ, wɔrebɛfa Haman akɔ Ɛster apontoɔ a wasiesie no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na wɔne no da so rekasa no, ɔhene mpiafo no bae bɛfaa Haman ɔhareso de no kɔɔ ɔpon a Ester atow no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 6:14
5 Iomraidhean Croise  

Ɛnna ne yere Seres ne n’adɔfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma wɔnyɛ dua a ne tentene yɛ basafa aduonu nnum, na ɔkyena anɔpa ka kyerɛ ɔhene, na wɔnsɛne Mordekai wɔ so, na wo ne ɔhene nkɔ apontoɔ no ase anigyeɛ mu. Na asɛm no sɔɔ Haman ani, na ɔmaa wɔyɛɛ dua no.


Na ɔhene no kaa sɛ: Monyɛ ntɛm mma Haman mmra, na wɔnyɛ deɛ Ester aka no. Na ɔhene no ne Haman baa ɛpono a Ester atoɔ no ase.


sɛ m’anim aba nyam ɔhene anim, na sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔbɛma adeɛ a meresrɛ na wɔyɛ deɛ merehwehwɛ no a, ɔhene ne Haman mmra ɛpono a merebɛto wɔn no ase. Na ɔkyena mɛyɛ sɛdeɛ ɔhene aka no.


Na ɔhene ne Haman baa sɛ wɔne Ɔhemmaa Ester rebɛnom nsa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan