Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 6:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na Mordekai sane baa ɔhene ponkɛseɛ no mu, na Haman yɛɛ ntɛm de abooboodie kɔɔ ne fie, wɔ animguaseɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na Mordekai sane baa ɔhene ponkɛseɛ no mu, na Haman yɛɛ ntɛm de abooboodie kɔɔ ne fie, wɔ animguaseɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Akyiri no, Mordekai san kɔɔ ahemfi hɔ pon no ano, na Haman de ɔyaw a ano yɛ den ne aniwu yɛɛ ntɛm kɔɔ fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Akyire yi, Mordekai sane kɔɔ ahemfie hɔ ɛpono no ano, na Haman de ɔyea a ano yɛ den ne aniwuo yɛɛ ntɛm kɔɔ efie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na Mordekai san baa ɔhene ponkɛse no mu, na Haman yɛɛ ntɛm de abooboodi kɔɔ ne fi, wɔ animguase mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 6:12
14 Iomraidhean Croise  

Na Dawid foroo Ngo-bepɔ no, na ɔreforɔ no na ɔresu, na wakata ne ti, na ɔnhyɛ mpaboa, na ɔman a wɔne no nam no nyinaa akatakata wɔn ti, na wɔreforɔ no, na wɔresu.


Na Ahitofel hunuu sɛ wɔanni n’afotuo soɔ no, ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔsɔre kɔɔ ne fie, wɔ ne kurom. Na ɔtotoo ne fie wieeɛ no, ɔkɔsɛnee ne mene wuiɛ, na wɔsiee no n’agya da mu.


Ɛnna Israel hene no sii mu kɔɔ ne fie, a wakum n’anim na ne bo afuo, na ɔbaa Samaria.


Ɛnna Ahab kɔɔ ne fie a wakum n’anim na waboto, Yesreelni Nabot asɛm a ɔka kyerɛɛ no no nti; sɛ waka akyerɛ no sɛ: Meremfa m’agyanom awunnyadeɛ memma wo. Na ɔdaa ne mpa so danee n’ani, na wannidi.


Na ɔbuaa no sɛ: Ɛfiri sɛ me ne Yesreelni Nabot kasae, na mesee no sɛ: Fa wo bobeturo no ma me gye sika, anaasɛ nso sɛ wopɛ a, mɛma wo bobeturo ahyɛ ananmu. Na ɔse: Meremfa me bobeturo no memma wo.


Na Ɔsɔfopanin Asaria danee n’ani kyerɛɛ no, ɔne asɔfoɔ no nyinaa, na hwɛ, wayare kwata ne moma so, na wɔpiapiaa no firii hɔ, na ɔno ara nso yɛɛ ntɛm firii adi, ɛfiri sɛ AWURADE aka no.


Na wɔhyiahyiaa mmabaa no ne mprenu soɔ no, na Mordekai te ɔhene ponkɛseɛ no mu.


Na Haman faa atadeɛ no ne ɔpɔnkɔ no, na ɔde hyɛɛ Mordekai, na ɔde no tenaa ɔpɔnkɔ no so de no faa kuro no abɔntene no so, na ɔpae dii n’anim sɛ: Sei na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no!


Na ɔhene no sane firii ahemfie turo no mu baa nsa pono no ase, na Haman ahwe nnaeɛ a Ester wɔ soɔ no so. Na ɔhene kaa sɛ: Ɔrebɛhyɛ ɔhemmaa ne no ada mpo m’anim wɔ me ara me fie ha nso? Asɛm no firii ɔhene anomu ara pɛ, na wɔkataa Haman ani.


sɛ abɔnefoɔ ahurisidie nkyɛ, na nyaatwomfoɔ anigyeɛ yɛ berɛ tiaa bi?


Wɔde asase ahyɛ ɔbɔnefoɔ nsa, ɔkata n’atemmufoɔ ani. Sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hwan a?


Na Samuel da kɔduruu anɔpa, na ɔhinihinii AWURADE fie apono no. Na Samuel suroo sɛ ɔbɛka adeɛ a ɔhunuiɛ no akyerɛ Eli.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan