Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 5:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Nso yei nyinaa nnɔɔso mma me berɛ a mehunu Yudani Mordekai no sɛ ɔte ɔhene ponkɛseɛ mu yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Nso yei nyinaa nnɔɔso mma me berɛ a mehunu Yudani Mordekai no sɛ ɔte ɔhene ponkɛseɛ mu yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso sɛ mihu Yudani Mordekai sɛ ɔda so te ahemfi pon ano a, me bo nnwo koraa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Afei, ɔtoaa so sɛ, “Nanso, sɛ mehunu Yudani Mordekai sɛ ɔda so te ahemfie ɛpono ano a, yeinom nyinaa nka hwee.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Nanso eyi nyinaa nnɔɔ me so, bere a mihu Yudani Mordekai no sɛ ɔte ɔhene ponkɛse mu yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 5:13
9 Iomraidhean Croise  

Wɔne Serubabel na ɛbaeɛ. Wɔn ne: Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum, Baana. Israel man mu mmarima dodoɔ nie:


Ɛnna da no Haman de anigyeɛ ne akoma pa firii adie, na Haman hunuu Mordekai ɔhene ponkɛseɛ no mu sɛ wansɔre na wanka ne ho koraa n’anim no, ne bo fuu Mordekai sɛ.


Ɔbɔnefoɔ ho yera no, ne nna nyinaa, na wɔde mfeɛ a wɔakan asie otirimuɔdenfoɔ.


Wo a wotete wo ho w’abufuo mu. Wo nti na wɔbɛgya asase, na wɔatu ɔbotan afiri ne sibea anaa?


Ɔbɔnefoɔ susu ɔteneneeni ho asɛm, na ɔtwɛre ne se gu ne so,


Mehunuu nnwuma a wɔyɛ no owia yi ase nyinaa, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Ɔsɛnkafoɔ na ɔseɛ; ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Adeɛ nyinaa yɛ huhuo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan