Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 4:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛnna Ester frɛɛ Hatak, ɔhene mpiafoɔ no mu baako a wayi no sɛ ɔnsom no no, na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn, na wahunu adekodeɛ ne deɛ ɛfiri soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Ɛnna Ester frɛɛ Hatak, ɔhene mpiafoɔ no mu baako a wayi no sɛ ɔnsom no no, na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn, na wahunu adekodeɛ ne deɛ ɛfiri soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na Ɛster soma ma wɔkɔfrɛɛ Hatak a ɔyɛ ɔhene piamfo no mu baako a wɔayi no sɛ ne somfo no. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔ Mordekai nkyɛn nkobisa no nea ɛrehaw no, ne nea enti a ɔretwa agyaadwo saa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na Ɛster soma ma wɔkɔfrɛɛ Hatak a ɔyɛ ɔhene apiafoɔ no mu baako a wɔayi no sɛ ne ɔsomfoɔ. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔ Mordekai nkyɛn nkɔbisa no deɛ ɛreha no, ne deɛ enti a ɔretwa agyaadwoɔ saa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Ɛnna Ester frɛɛ Hatak, ɔhene mpiafo no mu biako a wayi no sɛ ɔnsom no no, na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn, na wahu dekode ne nea efi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 4:5
10 Iomraidhean Croise  

Da a ɛtɔ so nson a nsa ama ɔhene ani agyeɛ no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas, mpiafoɔ baason no a wɔsom Ɔhene Akas-weros anim no,


Nanso Ɔhemmaa Wasti amma sɛdeɛ ɔhene somaa mpiafoɔ maa wɔbɛhyɛɛ no no. Ɛnna ɔhene no bo fuu pii, na n’abufuo dɛree wɔ ne mu.


Ɛnna Ester ka kyerɛɛ Hatak na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn sɛ,


Ɛnna Ester mmabaa ne ne mpiafoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no. Na ɔhemmaa no bɔɔ birim papa, na ɔsomaa sɛ wɔmfa ntadeɛ nkɔhyɛ Mordekai, na wɔnyi ne ho ayitoma no, nanso wannye.


Na Hatak firii adi kɔɔ Mordekai nkyɛn, kuro no mpraeɛ a ɛda ɔhene ponkɛseɛ anim no so.


Na Hatak ba bɛkaa Mordekai nsɛm no kyerɛɛ Ester.


Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu.


Na sɛ kwaa baako hunu amane a, akwaa no nyinaa hunu bi; sɛ nso wɔhyɛ kwaa baako animuonyam a, akwaa no nyinaa ne no bom ani gye.


Mommma obiara nnhwɛ ɔno nko ara adeɛ, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfoɔ deɛ bi.


Na yɛnni ɔsɔfo panin a ɔnnim yɛn mmerɛyɛ na ɔnni tema mma yɛn, na mmom deɛ wɔasɔ no ahwɛ adeɛ nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso wannyɛ bɔne.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan